Deuteronomium 8:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Nanso kae Yehowa wo Nyankopɔn, na ɔno na ɔmaa wo tumi a wode anya wo ho no.+ Ɔyɛɛ yei ɛfiri sɛ ɔpɛ sɛ ɔdi apam a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom no so, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.+ 1 Samuel 2:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Yehowa ma onipa di hia,+ na ɔno na ɔma onipa di yie,+Ɔno na ɔbrɛ onipa aseɛ, na ɔno na ɔma onipa soɔ.+ Dwom 37:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 Wɔn a ɔhyira wɔn na wɔbɛnya asase no adie,+Na wɔn a ɔdome wɔn no deɛ, wɔbɛyi wɔn hɔ.+ Dwom 107:38 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 38 Ɔhyira wɔn ma wɔdɔɔso bebree;+Na ɔmma wɔn afieboa dodoɔ so nte.+
18 Nanso kae Yehowa wo Nyankopɔn, na ɔno na ɔmaa wo tumi a wode anya wo ho no.+ Ɔyɛɛ yei ɛfiri sɛ ɔpɛ sɛ ɔdi apam a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom no so, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.+
7 Yehowa ma onipa di hia,+ na ɔno na ɔma onipa di yie,+Ɔno na ɔbrɛ onipa aseɛ, na ɔno na ɔma onipa soɔ.+