18 Nanso kae Yehowa wo Nyankopɔn, na ɔno na ɔmaa wo tumi a wode anya wo ho no.+ Ɔyɛɛ yei ɛfiri sɛ ɔpɛ sɛ ɔdi apam a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom no so, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.+
12 Yehowa bɛbue ɔsoro adekorabea pa ama wo na watɔ nsuo agu w’asase so wɔ ne berɛ mu,+ na ɔbɛhyira wo nsa ano adwuma nyinaa so.+ Na wobɛnya pii de afɛm aman bebree, na wo deɛ, worenkɔfɛm hwee.+
12 nyansa ne nimdeɛ no, mede rema wo,+ na ahonyadeɛ ne sika ne animuonyam nso, mɛma wo deɛ ahemfo a wɔdii w’anim no biara annya bi da,+ na obiara a ɔbɛdi w’akyi aba nso rennya bi.”+