Hiob
2 Ɛno akyi no, ɛbaa sɛ da bi, nokorɛ Nyankopɔn mma no bɛgyinagyinaa Yehowa anim, na Satan nso fraa wɔn mu baeɛ, bɛgyinaa Yehowa anim bi.+
2 Ɛnna Yehowa bisaa Satan sɛ: “Ɛhe na wofiri baeɛ yi?” Satan buaa Yehowa sɛ: “Mefiri asase so akyinkyinakyinkyini ne ɛso ananteananteɛ na ɛreba.”+ 3 Ɛnna Yehowa bisaa Satan bio sɛ: “Woadwene m’akoa Hiob ho anaa?+ Obiara nte sɛ ɔno asase so, onipa a ne ho nni asɛm na ɔtene,+ ɔsuro Nyankopɔn+ na ɔtwe ne ho firi bɔne ho.+ Woregyegye me+ sɛ mensɛe no kwa,+ nanso ɔda so kura ne mũdie* mu bɛsi sɛsɛɛ.”+ 4 Ɛnna Satan+ buaa Yehowa sɛ: “Wedeɛ si wedeɛ ananmu, na deɛ onipa wɔ nyinaa ɔde bɛma de agye ne kra.+ 5 Sɛ wopɛ a, fa wo nsa ka ne dompe ne ne honam, na hwɛ sɛ ɔrennyina w’anim nnome wo anaa.”+
6 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Satan sɛ: “Ɔno nie, ɔhyɛ wo nsa! Ne kra nko na hwɛ wo ho yie wɔ ho!” 7 Ɛnna Satan firii Yehowa anim kɔeɛ,+ na ɔde mpɔmpɔ+ yaya kɔbobɔɔ Hiob firii ne nan ase kɔsii n’apampam. 8 Na ɔfaa kyɛmferɛ a ɔde bɛhwane ne ho; na ɔtenaa nsõ mu.+
9 Ne yere ka kyerɛɛ no sɛ: “Woda so ara kura wo mũdie mu?+ Dome Onyankopɔn na wu!” 10 Ɔno nso ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛdeɛ mmaa a wɔnni tire+ kasa no, saa na wo nso wokasa. Yɛnnye deɛ ɛyɛ nko ara mfiri nokorɛ Nyankopɔn no nkyɛn na adebɔne deɛ yɛmpo?”+ Yei nyinaa mu no, Hiob amfa n’ano anyɛ bɔne.+
11 Hiob nnamfo mmiɛnsa tee amanehunu a aba ne soɔ nyinaa, na wɔn mu biara firi deɛ ɔwɔ baeɛ, Elifas a ɔfiri Teman,+ Bildad a ɔfiri Suha,+ ne Sofar a ɔfiri Naama.+ Wɔyɛɛ nhyehyɛeɛ hyiaa mu+ sɛ wɔrebɛgyam no na wɔakyekyere ne werɛ.+ 12 Berɛ a wɔwɔ akyirikyiri a wɔmemaa wɔn ani so hunuu no no, wɔanhunu sɛ ɛyɛ ɔno a. Na wɔmemaa wɔn nne so suiɛ, na wɔn mu biara suanee+ n’atadeɛ ngugusoɔ mu, na wɔtoo mfuturo kɔɔ soro guu wɔn atifi.+ 13 Na wɔne no tenatenaa+ fam nnanson, adekyeeɛ ne adesaeɛ, na obiara anka asɛm biara ankyerɛ no, ɛfiri sɛ wɔhunuu sɛ yea+ no mu yɛ den yie.