Yeremia 6:26 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 26 O me man babaa, fira atweaatam,+ na munimuni wo ho wɔ nsõ mu.+ Di awerɛhoɔ sɛ obi a ɔretwa adwo di ne bakorɔ ho awerɛhoɔ,+ ɛfiri sɛ mpofirem na ɔsɛefoɔ no bɛba yɛn soɔ.+ Hesekiel 27:30 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 30 Wɔbɛma wɔn nne so asu wo yayaaya.+ Na wɔde mfuturo bɛgu wɔn atifi+ amunimuni wɔ nsõ mu.+ Yona 3:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Berɛ a asɛm no duruu Niniwe hene asom no,+ ɔsɔre firii n’adwa so yii n’ahentadeɛ guu hɔ firaa atweaatam, na ɔtenaa nsõ mu.+ Yona 3:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Na onipa ne aboa biara mfira atweaatam, na wɔnsu dendeenden mfrɛ Onyankopɔn, na obiara nsan+ mfiri ne kwammɔne ne n’amumuyɔsɛm ho.
26 O me man babaa, fira atweaatam,+ na munimuni wo ho wɔ nsõ mu.+ Di awerɛhoɔ sɛ obi a ɔretwa adwo di ne bakorɔ ho awerɛhoɔ,+ ɛfiri sɛ mpofirem na ɔsɛefoɔ no bɛba yɛn soɔ.+
6 Berɛ a asɛm no duruu Niniwe hene asom no,+ ɔsɔre firii n’adwa so yii n’ahentadeɛ guu hɔ firaa atweaatam, na ɔtenaa nsõ mu.+
8 Na onipa ne aboa biara mfira atweaatam, na wɔnsu dendeenden mfrɛ Onyankopɔn, na obiara nsan+ mfiri ne kwammɔne ne n’amumuyɔsɛm ho.