3 Ɛno akyi no, Hiob buee n’ano, na ɔdomee ne da.+ 2 Deɛ Hiob kaeɛ nie:
3 “Ma ɛda a wɔwoo me no nyera,+
Ɛne anadwo a obi kaa sɛ, ‘Wɔanyinsɛn ɔbabarima’ no!
4 Saa da no, ma no nnane sum.
Mma Onyankopɔn mmfiri soro nnhwehwɛ akyire kwan,
Mma adekyeeɛ hann nso nnhyerɛn wɔ so.
5 Ma esum ne esum kabii nnye mfa.
Ma mununkum ntena so.
Ma deɛ ɛma adekyeeɛ duru sum nhunahuna no.+
6 Saa anadwo no—ma esum kabii mfa;+
Mma no nnnya anigyeɛ wɔ afe nna no mu;
Mma wɔnnkan mmfra abosome dodoɔ no.
7 Hwɛ! Saa anadwo no—ma no nyɛ bonini;
Mma wɔnnto ahurisi dwom biara wɔ mu.+
8 Ma wɔn a wɔdome ɛda mmɔ no dua,
Wɔn a wɔhwanyan dɛnkyɛm+ no.
9 Ma ahemadakye nsoromma nnuru sum;
Ma no ntwɛn hann nanso mma no mmma;
Mma adekyeeɛ hann mmpue so.
10 Ɛfiri sɛ antoto me maame yafunu apono mu,+
Enti anyi ɔhaw amfiri m’ani so.
11 Adɛn nti na manwu yafunu mu?+
Adɛn nti na mefiri yafunu mu reba no, mannyaa mu?
12 Adɛn nti na nkotodwe bɛhyiaa me,
Na menyaa nufoɔ+ nomeeɛ?
13 Anka saa berɛ yi mada ama me ho adwo me;+
Anka mada; anka meregye m’ahome;+
14 Me ne ahemfo ne asase so afotufoɔ,+
Wɔn a wɔkyekyere amamfõ fa,+
15 Anaa me ne atitire a wɔwɔ sika,
Wɔn a wɔde dwetɛ hyehyɛ wɔn afie mã;
16 Anaa anka mamma te sɛ ɔba a wɔapɔn no ahuntaeɛ mu,+
Te sɛ nkɔkoaa a wɔanhunu hann da.+
17 Ɛhɔ na nnebɔneyɛfoɔ haw nni bio,+
Ɛhɔ na wɔn a wɔn ahoɔden asa home.+
18 Nneduafoɔ nyinaa te hɔ dwoodwoo;
Wɔnte deɛ ɔpiapia wɔn kɔ adwuma+ no nne.
19 Ɛhɔ na nnipa akɛseɛ ne nketewa nyinaa yɛ pɛ,+
Na akoa ade ne ho afiri ne wura nsam.
20 Adɛn nti na Onyankopɔn de hann ma ɔmanehunufoɔ,
Na ɔde nkwa ma wɔn a wɔn kra abotoɔ?+
21 Adɛn nti na ebinom twɛn owuo nanso ɛmma,+
Berɛ a wɔbɔre hwehwɛ kyɛn akoradeɛ a ahunta?
22 Wɔn a wɔn ani gye boro soɔ no,
Wɔnya anigyeɛ kɛseɛ ɛfiri sɛ wɔnya damena.
23 Adɛn nti na Onyankopɔn de hann ma ɔbarima a wɔde ne kwan ahunta,+
A Onyankopɔn aka no ahyem?+
24 M’aduane anim na megu ahome,+
M’apinisie hwie sɛ nsuo;+
25 Akomatusɛm a mesuro no, ɛno na ɛba me soɔ;
Na deɛ ɛyɛ me hu na ɛto me.+
26 M’asom nnwoo me, na me ho ntɔɔ me,
Mennyaa ɔhome, nanso ahoyera ara na ɛba.”