Hiob
3 Ɛno akyi na Hiob firii aseɛ kasaeɛ, na ɔdomee da a wɔwoo no no.*+ 2 Hiob kaa sɛ:
4 Saa da no, ma ɛnyɛ sum.
Ma ɔsoro Nyankopɔn no nyi n’adwene mfiri so;
Mma hann biara nnhyerɛn wɔ so.
Ma mununkum tumm nkata so.
Ma adeɛ biara a ɛma adekyeeɛ yɛ sum nhunahuna no.
6 Ma esum kabii nnye saa anadwo no mmɔ so;+
Nna a ɛwɔ afe mu no redi ahurisie a, mma saa da no nnni ahurisie no bi,
Na mma wɔnnkan mmfra bosome biara.
7 Meka si so! Ma saa anadwo no nyɛ bonini;
Mma wɔnnte ahurisi dwom biara wom.
9 Ma n’ahomakye nsoromma nnuru sum;
Ma ɛntwɛn adekyeeɛ hann, nanso mma hann no mmma,
Mma ɛnnhunu anɔpa hann.
11 Adɛn nti koraa na wɔrewo me no, manwuo?
Adɛn nti koraa na mefiri yafunu mu bɛtɔɔ hɔ no, manwuo?+
12 Adɛn nti na nkotodwe bɛhyiaa me,
Na menyaa nufoɔ nomeeɛ?
13 Anka saa berɛ yi mada ama me ho adwo me;+
Anka mada regye m’ahome;+
14 Anka me ne asaase so ahemfo ne wɔn afotufoɔ
A wɔkyekyeree nkuro a ɛnnɛ asɛe pasaa no nyinaa* ada ama me ho adwo me.
15 Anaa anka me ne atitire a wɔwɔ sika kɔkɔɔ,
Ne wɔn a dwetɛ ayɛ wɔn afie ma no ada regye m’ahome.
16 Na adɛn nti na wɔampɔn me ahintaeɛ mu,
Te sɛ mmɔfra a wɔanhunu hann da?
18 Ɛhɔ na nneduafoɔ nyinaa te dwoodwoo;
Wɔnte deɛ ɔhyɛ wɔn ma wɔyɛ adwuma no nne bio.
21 Adɛn nti na wɔtwɛn owuo, nanso ɛmma?+
Wɔhwehwɛ no dendeenden kyɛn agyapadeɛ a wɔde asie.
22 Saa nkurɔfoɔ no, sɛ wɔnya adamena a, wɔdi ahurisie kɛse,
Na wɔn ani gye boro so.
23 Adɛn nti na Onyankopɔn de hann ma ɔbarima a wayera kwan,
Ɔbarima a Onyankopɔn aka no ahyɛ ban mu?+
25 Ɛfiri sɛ deɛ mesuro no, ɛno na aba me so,
Na deɛ ɛyɛ me hu no, ɛno na ato me.
26 Menni asomdwoeɛ, menni ahotɔ, mennya ahomegyeɛ;
Amanehunu nko ara.”