Hiob
4 Ɛnna Elifas+ a ɔfiri Teman no kaa sɛ:
2 “Sɛ obi yɛ sɛ ɔreka asɛm bi akyerɛ wo a, ɛbɛyɛ wo ahomete anaa?
Na hwan na ɔbɛtumi aka sɛ ɔrenkasa?*
3 Ampa, woatene nnipa pii so,
Na woahyɛ nsa a emu agoɔ den.
4 Deɛ ɔrehwe ase no, wo nsɛm maa no sɔre gyinaa hɔ,
Na wɔn a wɔn nkotodwe ahodwo no, wohyɛɛ wɔn den.
5 Afei a ebi ato wo yi, woaboto;
Ebi kaa wo yi deɛ, w’abam abu.
6 Sɛ wosuro Onyankopɔn a, ɛnneɛ adɛn na wonni ahotɔsoɔ?
Sɛ w’abrabɔ di mu a,+ ɛnneɛ adɛn na wonni anidasoɔ?
7 Mepa wo kyɛw, kaakae wo tirim: Woahu sɛ wɔasɛe obi a ne ho nni asɛm da?
Da bɛn na wohuu sɛ wɔakum onipa tenenee?
9 Onyankopɔn home sɛe wɔn,
Na n’abufuhyeɛ ma wɔn awieeɛ ba.
11 Nam a ɛnni hɔ nti, gyata wu,
Na gyata mma bɔ hwete.
12 Metee asɛm bi wɔ kokoam,
Na ɛtwaa m’asom ketewaa bi.
13 Anadwo a nnipa ada hatee no,
Menyaa anisoadehunu bi a ɛhaa m’adwene,
14 Ahopopoɔ kɛseɛ bi te sii me so,
Na ehu hyɛɛ me nnompe nyinaa ma.
15 Honhom bi bɛtwaam wɔ m’anim;
Me ho nwi sɔresɔree.
16 Honhom no bɛgyinaa hɔ dinn,
Nanso manhunu sɛdeɛ ɛteɛ papa.
Biribi bɛgyinaa m’anim;
Ɛhɔ tɛm dinn, na afei metee nne bi sɛ:
17 ‘Wohwɛ a, onipa dasani bɛtumi atene asene Onyankopɔn?
Ɔbarima ho bɛtumi ate asene ne Bɔfoɔ?’
19 Ɛnneɛ wohwɛ a, wɔn a wɔtete dɔtedan mu,
Wɔn a wɔn fapem yɛ dɔteɛ no,+ ɔbɛbu wɔn sɛn?
Wɔyam wɔn ntɛm sene abubummabaa!
20 Wɔwɔ hɔ anɔpa, ɛbɛduru anwummerɛ no, na wɔayam wɔn koraa;
Wɔyera korakora, na ɛmfa obiara ho.
21 Wɔte sɛ ntomadan a wɔatwetwe mu nhoma ama atutu agu fam;
Wɔwuwu a wɔnnim nyansa biara.