Hiob
5 “Wopɛ a frɛ hwɛ sɛ obi bɛgye wo so a!
Akronkronfoɔ no mu hwan na wobɛkɔ ne nkyɛn sɛ ɔmmoa wo?
2 Ahisɛm na ɛbɛkum kwasea,
Na aniberɛ na ɛbɛkum ogyimifoɔ.
3 Mahunu kwasea a n’ase retim,
Nanso prɛko pɛ, wɔdomee ne tenabea.
5 Nnɔbaeɛ a ɔtwa no,* onipa a ɛkɔm de no na ɔbɛdie;
Ɔbɛfa deɛ ɛwɔ nkasɛɛ mu mpo aka ho,
Anitefoɔ bɛmene wɔn agyapadeɛ.*
6 Ɛfiri sɛ mmusuo mfifi wɔ mfuturo mu,
Na ɔhaw mfifi mfiri fam.
7 Na sɛdeɛ egya a ɛredɛre tutu a, ɛkɔ soro no,
Saa ara na onipa nso, sɛdeɛ ɛteɛ biara, ɔhaw bɛto no.
8 Nanso sɛ ɛyɛ me a, anka mɛsrɛ Onyankopɔn,
Anka mede m’asɛm bɛma Onyankopɔn,
9 Anka mede bɛma Deɛ ɔyɛ nneɛma akɛseɛakɛseɛ ne nneɛma a ɛboro yɛn nteaseɛ so,
Deɛ ɔyɛ anwanwadeɛ bebree no.
10 Ɔma nsuo tɔ gu asaase so,
Na ɔma nsuo tɔ gu mfuo so.
11 Ɔma mmɔborɔwa so,
Na ɔpagya deɛ wabotoɔ ma no nya nkwagyeɛ.
12 Ɔsɛe anitefoɔ pɔ a wɔabɔ,
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn nsa ano adwuma renyɛ yie.
13 Fidie a anyansafoɔ de wɔn aniteɛ asum no, ɔma no yi wɔn ara,+
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a anitefoɔ pɔ a wɔabɔ bɛsɛe.
14 Esum to wɔn awia,
Na awia ketee, wɔde wɔn tiri pempem te sɛ deɛ adeɛ asa.
15 Ɔgye onipa firi anitefoɔ anom sekan ano,
Na ɔgye ohiani firi ɔhoɔdenfoɔ nsam,
16 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mmɔborɔwafoɔ bɛnya anidasoɔ,
Na amumuyɛfoɔ aka wɔn ano atom.
17 Hwɛ! Anigyeɛ ne onipa a Onyankopɔn kasa kyerɛ no,
Enti hwɛ na woampo adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no ntenesoɔ!
18 Ɛfiri sɛ ɔpira nnipa, nanso ɔkyekyere kuro no;
Ɔbubu nnipa, na ɔde ɔno ara ne nsa sa wɔn yareɛ.
19 Ɔbɛgye wo afiri amanehunu nsia mu,
Na deɛ ɛtɔ so nson mpo renyɛ wo hwee.
20 Ɛkɔm ba a, ɔbɛgye wo afiri owuo nsam,
Na ɛko ba nso a, ɔbɛgye wo afiri sekan nsam.
22 Wobɛsere ɔsɛeɛ ne ɛkɔm,
Na worensuro asaase so mmoa a wɔn ho yɛ hu.
24 Wobɛhunu sɛ wo ntomadan si hɔ dwoodwoo;*
Wobɛkɔ akɔhwɛ wo mmoa adidibea, na wobɛhunu sɛ biribiara nyerae.
25 Wo mma bɛdɔɔso,
Na w’asefoɔ bɛyɛ bebree sɛ asaase so wura.
26 Berɛ a wobɛkɔ adamena mu mpo, na wowɔ ahoɔden,
Te sɛ hwiit* a wɔakyekyere asisi hɔ atifi atifi wɔ ne berɛ mu.
27 Hwɛ! Yɛahwehwɛ asɛm yi mu, na yɛahunu sɛ ɛyɛ nokorɛ.
Tie na gye tom.”