Hiob
6 Ɛnna Hiob kaa sɛ:
3 Anka emu bɛyɛ duru asene mpoano anwea mpo.
Ɛno nti na me kasa ayɛ hatuhatu yi.*+
4 Ɛfiri sɛ adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no agyan awɔ me mu,
Na me honhom renom emu borɔ;+
Nneɛma a ɛyɛ hu firi Onyankopɔn hɔ aba me so.
6 Obi bɛdi aduane a ɛnyɛ dɛ a ɔremfa nkyene nto mu anaa?
Anaasɛ ɛdɛ bi wɔ dua mu nsuo tentann mu?
7 Mempɛ sɛ mede me nsa ka* saa nneɛma no.
Ɛte sɛ efĩ a afra m’aduane.
8 O sɛ menyae a, anka m’abisadeɛ aba mu
Ama Onyankopɔn ayɛ deɛ mepɛ ama me!
10 Anka ɛno mpo bɛma manya awerɛkyekyerɛ;
Anka ɛyea kɛseɛ a merefa mu nyinaa akyi, mɛdi ahurisie,
Ɛfiri sɛ memmuu m’ani nguu Ɔkronkronni no asɛm so.+
11 Mewɔ ahoɔden a mede bɛkɔ so atwɛn anaa?+
Na anidasoɔ bɛn paa na ɛwɔ hɔ ma me a enti ɛsɛ sɛ mekɔ so tena ase?*
12 Adɛn, m’ahoɔden te sɛ ɔbotan?
Anaa me honam yɛ kɔbere?
13 Mɛyɛ dɛn ahwɛ me ho,
Berɛ a nneɛma a mede hwɛ me ho nyinaa afiri me nsa?
14 Obiara a ɔde ɔdɔ a ɛnni hwammɔ kame ne yɔnko nipa no,+
Ɔremfa adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no suro nyɛ hwee.+
15 Me ara me nuanom adaadaa me+ te sɛ nsuo a ɛtene wɔ awɔ berɛ mu,
Wɔte sɛ nsuo a ɛtene wɔ awɔ berɛ mu a ɛwe.
16 Nsuo a akyene ma nsuo no ani yɛ tumm,
Na emu na sukyerɛmma a anane hinta.
17 Nanso sɛ berɛ so a, nsuo no sã, na ɛntene bio;
Sɛ ɔhyew ba a, ɛwe.
18 N’akwan danedane;
Ɛtene kɔ anwea pradadaa so, na ɛyera.
20 Wɔn nsa anka deɛ wɔhwehwɛ, enti wɔn ani awu;
Wɔba bɛduru hɔ, nanso wɔnnya hwee.
22 Adɛn, maka sɛ, ‘Momma me biribi’?
Anaa maka sɛ momfa mo ahodeɛ no bi nkyɛ me?
23 Maka akyerɛ mo sɛ monnye me mfiri ɔtamfo nsam?
Anaa maka akyerɛ mo sɛ monnye me mfiri atirimuɔdenfoɔ nsam?
25 Asɛm a ɛyɛ nokorɛ deɛ, ɛnyɛ ya!+
Nanso mo kasakyerɛ no, adepa bɛn paa na ɛwom?+
26 Adɛn, moayɛ mo adwene sɛ asɛm a mɛka biara, mobɛbɔ agu?
Obi a n’adwene atu afra anom asɛm+ a mframa hu kɔ yi?
28 Afei, monnane mo ani na monhwɛ me,
Ɛfiri sɛ merentwa atorɔ wɔ mo anim.
29 Mepa mo kyɛw, monsan nnwene ho bio; monnnwene bɔne mmma me;*
Aane, monsan nnwene ho bio, ɛfiri sɛ meda so ara yɛ ɔteneneeni.
30 Mede me kɛtrɛma aka bɔne anaa?
Adɛn, ɛyɛ mo sɛ mennim deɛ enti a merehunu amane?*