Hiob
6 Ɛnna Hiob buaa sɛ:
2 “Sɛ anka wɔrekari m’ahometeɛ+ nyinaa,
Na wɔde m’amanehunu nso agu nsania mu ɛ!
4 Adeɛ nyinaa so Tumfoɔ agyan aba me so,+
Na me honhom renom emu borɔ;+
Ahudeɛ a ɛfiri Onyankopɔn hɔ atwa me ho ahyia.+
6 Obi bɛdi aduane tayoo a ɔnto mu nkyene anaa?
Na dɛ bi wɔ dua mu nsuo matãã mu?
7 Me kra mpɛ sɛ ɛbɛkã emu biara.
Ɛte sɛ m’aduane mu abofonodeɛ.
8 O sɛ anka mɛnya m’abisadeɛ
Na Onyankopɔn ama m’anidasoɔ aba mu ɛ!
10 Ɛno mpo anka mɛnya awerɛkyekyerɛ ara,
Na madi ahurisie+ me yea kɛseɛ mu,
Sɛ wanhu mmɔbɔ mpo a; ɛfiri sɛ memfaa Ɔkronkronni+ no nsɛm nhuntaeɛ.+
12 M’ahoɔden te sɛ aboɔ ahoɔden anaa?
Na me honam yɛ kɔbere?
13 Ɛnyɛ boa na mentumi mmoa me ho?
Na ɛnyɛ ahoɔden a mede yɛ adwuma na wɔatu afiri me mu?
15 Me ara me nuanom atwa nkontompo+ sɛ awɔ berɛ mu asuo a ɛsene,
Wɔte sɛ awɔ berɛ mu asuo a ɛtwam korɔ.
16 Nsukyeneeɛ ma ani biri,
Sukyerɛmma hunta mu.
18 N’akwan dane fa baabi;
Ɛkɔ baabi a hwee nnie, na ɛyera.
22 Maka akyerɛ mo sɛ momma me biribi anaa?
Na maka akyerɛ mo sɛ momfa mo tumi nyɛ biribi mma me?
23 Maka akyerɛ mo sɛ monnye me mfiri ɔtamfo nsam?+
Na maka akyerɛ mo sɛ monnye me mfiri atirimuɔdenfoɔ nsam anaa?+
29 Mesrɛ mo, monsan nnwene ho bio; mommma deɛ ɛntene biara mmma mu;
Monsan nnwene ho bio ɛ, na me tenenee da so wɔ hɔ.+
30 Ɛyɛ mo sɛ deɛ ɛntene bi wɔ me kɛtrɛma so,
Na mosusu sɛ menhunu deɛ ama merehunu amane anaa?