Hiob
5 “Frɛ hwɛ ɛ! Obi wɔ hɔ a ɔbɛgye wo so anaa?
Na akronkronfoɔ no mu hwan na wobɛdane akɔ ne nkyɛn?
2 Ateetee na ɛbɛkum kwasea,
Na anibereɛ na ɛbɛkum ogyimfoɔ.
5 Deɛ ɔtwa no, deɛ ɛkɔm de no na ɔbɛdie;
Deɛ wasina mpo, obi bɛyi awe,
Na fidie bɛto asɔ n’asetenadeɛ.
6 Ɛfiri sɛ bɔne mfifiri mfuturo mu,
Na ɔhaw mfifiri fam.
7 Wɔwoo onipa maa ɔhaw
Sɛdeɛ gyaframa tutu kɔ soro no.
8 Nanso sɛ me a, anka mɛsrɛ Onyankopɔn,
Anka mede m’asɛm bɛhyɛ Onyankopɔn nsa,+
9 Ɔno na ɔyɛ nneɛma akɛseɛ a ɛnni hwehwɛbea,
Na ɔyɛ anwanwadeɛ a ɛnni ano;+
10 Ɔno na ɔma nsuo tɔ gu asase soɔ+
Na ɔma mfuo nya nsuo;+
11 Ɔno na ɔde abrɛfoɔ tena deɛ ɛkorɔn,+
Na ɔpagya wɔn a wɔdi awerɛhoɔ kɔ nkwagyeɛ kwan soɔ;
12 Ɔno na ɔsɛe anitefoɔ agyina+
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn nsa ntumi nyɛ adwuma yie;
13 Ɔno na ɔkye anyansafoɔ wɔn ara aniteɛ mu,+
Ma anitefoɔ agyina sɛeɛ,+
14 Na esum duru wɔn awia,
Na awia ketee, wɔde wɔn tiri pempem sɛ deɛ adeɛ asa no;+
15 Ɔno na ɔgye onipa firi anitefoɔ anom nkrantɛ ano,
Na ɔgye ohiani firi ɔhoɔdenfoɔ nsam,+
16 Na ɔma ɔbrɛfoɔ nya anidasoɔ,+
Na amumuyɔfoɔ ka wɔn ano tom.+
18 Ɔno na ɔpira, nanso ɔkyekyere kuro no;
Ɔno na ɔbubuo, na ɔno ara nsa sa yareɛ.
22 Wobɛsere afomfoɔ ne ɛkɔm,
Na worensuro asase so akekaboa.
24 Wobɛhunu sɛ asomdwoeɛ yɛ wo ntomadan;
Na wobɛkɔ akɔhwɛ wo mmoa adidibea, na worenhwere biribiara.
27 Hwɛ! Yei na yɛahwehwɛ mu ahunu. Saa na ɛteɛ.
Tie, na wo nso hunu fa.”