Hiob
4 Ɛnna Elifas+ a ɔfiri Teman no buaa sɛ:
2 “Sɛ obi bɔ mmɔden ka asɛm bi kyerɛ wo a, ɛbɛha wo anaa?
Nanso hwan na ɔbɛtumi aka ne kasa ahyɛ?
5 Afei a ebi ato woɔ no, woaboto;
Ebi kaa woɔ yi deɛ, woahodwo.
9 Onyankopɔn home mu na wɔsɛeɛ,
Na n’abufuhyeɛ mu na wɔn awieeɛ ba.
10 Gyata bobom, wɔte gyataforɔ nne,
Nanso gyatanini sẽ bubu.
11 Hanam a ɛnni hɔ nti, gyata wu,
Na gyata mma bɔ pete.
13 Dadwene a ɛfiri anadwo anisoadehunu mu no mu,
Berɛ a nnahɔɔ tɔ nnipa soɔ no.
14 Ehu kaa me, me ho popoeɛ,
Na ehu hyɛɛ me nnompe nyinaa mã.
15 Honhom bi bɛtwaam m’anim;
Me ho nwi sɔresɔreeɛ.
16 Ɛbɛgyinaa hɔ dinn
Nanso manhunu sɛdeɛ ɛteɛ;
Biribi bɛgyinaa m’ani so;
Ɛhɔ tɛm dinn, na afei metee ɛnne bi sɛ:
17 ‘Onipa dasani—ɔbɛtumi atene asene Onyankopɔn anaa?
Na ɔbarima ho bɛtumi ate asene ne Bɔfoɔ?’
18 Hwɛ! Ɔnni gyidie wɔ n’asomfoɔ mu,
Na n’abɔfoɔ nso, ɔbu wɔn sɛ wɔtɔ sini;
19 Na wɔn a wɔtete dɔtedan mu na ɔbɛbu wɔn sɛn,
Wɔn a wɔn fapem yɛ dɔteɛ no!+
Wɔyam wɔn ntɛm sene abubummabaa.
20 Ɛbɛfiri anɔpa akɔsi anwummerɛ no, na wɔayam koraa;
Wɔyera korakora a obiara nnwene ho.
21 Wɔn ntomadan homa no, wɔntetee mu anaa?
Nyansa a wɔnnie nti, wɔwuwu.