Mmebusɛm 12:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Ɛwɔ deɛ ɔtu nsɛm bumbum sɛ nkrantɛ a ɛwowɔ,+ na anyansafoɔ kɛtrɛma deɛ, ɛsa yareɛ.+ Mmebusɛm 16:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Onyansafoɔ akoma ma n’ano da nhunumu adi,+ na ɛma n’anom kasa yɛ dɛ.+ 1 Tesalonikafoɔ 5:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Berɛ korɔ no ara mu no, anuanom, yɛtu mo fo sɛ monkasa nkyerɛ wɔn a wɔnenam basabasa,+ monkyekyere akra a wɔabotoɔ werɛ,+ mommoa wɔn a wɔyɛ mmerɛ, monnya abodwokyɛreɛ+ mma nnipa nyinaa.
14 Berɛ korɔ no ara mu no, anuanom, yɛtu mo fo sɛ monkasa nkyerɛ wɔn a wɔnenam basabasa,+ monkyekyere akra a wɔabotoɔ werɛ,+ mommoa wɔn a wɔyɛ mmerɛ, monnya abodwokyɛreɛ+ mma nnipa nyinaa.