14 Ɛnna obi baa Hiob nkyɛn bɛkaa sɛ: “Berɛ a anantwie no refuntum asaase no a mfunumu no redidi wɔ wɔn nkyɛn no, 15 Sabafoɔ bɛto hyɛɛ wɔn so faa wɔn kɔe, na asomfoɔ no nso, wɔde sekan kunkum wɔn. Me nko ara na matumi adwane afiri mu aba sɛ merebɛka akyerɛ wo.”