-
1 Ahemfo 19:3, 4Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
3 Ɛmaa ehu kaa no, enti ɔdwane peree ne nkwa.*+ Ɔkɔpuee Beer-Seba+ a ɛwɔ Yuda asaase so,+ na ɔgyaa ne somfoɔ no wɔ hɔ. 4 Ɔde n’ani kyerɛɛ serɛ so twaa da koro kwan, na ɔkɔtenaa sisia dua bi ase. Afei ɔsrɛɛ sɛ ɔnwu.* Asɛm a ɔkaeɛ ne sɛ: “Afei deɛ, mabrɛ! O Yehowa, gye me nkwa* firi me nsam,+ na mensene m’agyanom.”
-
-
Yona 4:2, 3Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
2 Enti ɔbɔɔ Yehowa mpaeɛ sɛ: “Ao, Yehowa, ɛnyɛ asɛm a mewɔ m’asaase so no mekaeɛ no ara na ɛda hɔ yi? Ɛno nti na medwanee sɛ merekɔ Tarsis no,+ ɛfiri sɛ menim sɛ woyɛ Onyankopɔn a wowɔ ayamhyehyeɛ* ne mmɔborɔhunu, wo bo mfu ntɛm, wo dɔ a ɛnni hwammɔ nni ano,+ na ɛha wo sɛ wobɛma amanehunu aba. 3 Afei Yehowa, mesrɛ wo, gye me nkwa* firi me nsam, na ɛyɛ sɛ mɛwu sene sɛ mɛtena ase.”+
-