Numeri 11:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Sɛ saa na wo ne me bɛdi a, ɛnneɛ mesrɛ wo, sɛ manya w’anim adom a, ku me prɛko ma no nsa+ na m’ani anhunu m’ahoyera.” 1 Ahemfo 19:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Na ɔde n’ani kyerɛɛ serɛ so twaa da koro kwan, na ɔkɔtenaa sisia dua bi ase.+ Afei ɔsrɛɛ sɛ ne kra nwu, na ɔkaa sɛ: “Afei deɛ, mabrɛ! O Yehowa, gye me kra firi me nsam,+ na menyɛ mensene m’agyanom.” Hiob 7:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Enti me kra pɛ sɛ ɛtua ahome mmom,Na mepɛ owuo+ mmom sene me nnompe yi. Yona 4:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Afei Yehowa, gye me kra+ firi me nsam, na ɛyɛ sɛ mɛwuo sene sɛ mɛtena aseɛ.”+ Adiyisɛm 9:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Saa nna no mu no, nnipa no bɛhwehwɛ owuo+ nanso wɔrenhunu, na wɔbɛpɛ sɛ wɔwuo nanso owuo bɛdwane afiri wɔn ho.
15 Sɛ saa na wo ne me bɛdi a, ɛnneɛ mesrɛ wo, sɛ manya w’anim adom a, ku me prɛko ma no nsa+ na m’ani anhunu m’ahoyera.”
4 Na ɔde n’ani kyerɛɛ serɛ so twaa da koro kwan, na ɔkɔtenaa sisia dua bi ase.+ Afei ɔsrɛɛ sɛ ne kra nwu, na ɔkaa sɛ: “Afei deɛ, mabrɛ! O Yehowa, gye me kra firi me nsam,+ na menyɛ mensene m’agyanom.”
6 Saa nna no mu no, nnipa no bɛhwehwɛ owuo+ nanso wɔrenhunu, na wɔbɛpɛ sɛ wɔwuo nanso owuo bɛdwane afiri wɔn ho.