Hiob 31:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Ɛnyɛ Deɛ ɔyɛɛ me ɔyafunu mu no ara na ɔyɛɛ no?+Ɛnyɛ Ɔbaako no ara na ɔsiesiee yɛn nyinaa wɔ awotwaa mu? Dwom 127:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Hwɛ! Mma yɛ agyapadeɛ a ɛfiri Yehowa hɔ.+Yafunu mu aba yɛ akatua.+ Ɔsɛnkafoɔ 5:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Sɛdeɛ onipa de adagya firi ne maame yam baeɛ no, saa ara na ɔbɛsan akorɔ;+ na ɔrentumi mfa adwuma a ɔbrɛ yɛeɛ no mu biribiara nkura nkɔ.+ 1 Timoteo 6:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Ɛfiri sɛ yɛamfa hwee amma wiase, na yɛrentumi nso mfa hwee mfiri mu nkɔ.+
15 Ɛnyɛ Deɛ ɔyɛɛ me ɔyafunu mu no ara na ɔyɛɛ no?+Ɛnyɛ Ɔbaako no ara na ɔsiesiee yɛn nyinaa wɔ awotwaa mu?
15 Sɛdeɛ onipa de adagya firi ne maame yam baeɛ no, saa ara na ɔbɛsan akorɔ;+ na ɔrentumi mfa adwuma a ɔbrɛ yɛeɛ no mu biribiara nkura nkɔ.+