15 Na ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Obiara a ɔbɛdome ne Nyankopɔn no, wayɛ bɔne na ɔbɛnya ne bɔne so akatua. 16 Enti deɛ waka Yehowa din ho abususɛm no, ɛsɛ sɛ wɔku no.+ Ɛsɛ sɛ asafo no nyinaa si no aboɔ. Obiara a ɔbɛkasa atia dinkɛseɛ no, ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu oo, kuromanni oo, wɔnku no.