Genesis 38:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Afei bɛyɛ abosome mmiɛnsa akyi no, obi ka kyerɛɛ Yuda sɛ: “W’asebaa Tamar adane tuutuuni, na ɛnam so ama wanyinsɛn.” Ɛnna Yuda kaa sɛ: “Momfa no mmra na wɔnhye no.”+ Leviticus 20:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 “‘Ɔbarima a ɔne ɔbarima foforɔ yere bɛsɛe awareɛ, kyerɛ sɛ ɔne ne yɔnko yere bɛda no, ɛsɛ sɛ wɔku no. Wɔnku ɔbarima ne ɔbaa awaresɛefoɔ no nyinaa.+ Deuteronomium 22:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 “Sɛ ɔbarima bi ne obi yere da na wɔkye wɔn a, ɔbarima a ɔyɛɛ saa no ne ɔbaa no nyinaa, ɛsɛ sɛ wɔku wɔn.+ Monyɛ saa mfa nyi adebɔne no mfiri Israel.
24 Afei bɛyɛ abosome mmiɛnsa akyi no, obi ka kyerɛɛ Yuda sɛ: “W’asebaa Tamar adane tuutuuni, na ɛnam so ama wanyinsɛn.” Ɛnna Yuda kaa sɛ: “Momfa no mmra na wɔnhye no.”+
10 “‘Ɔbarima a ɔne ɔbarima foforɔ yere bɛsɛe awareɛ, kyerɛ sɛ ɔne ne yɔnko yere bɛda no, ɛsɛ sɛ wɔku no. Wɔnku ɔbarima ne ɔbaa awaresɛefoɔ no nyinaa.+
22 “Sɛ ɔbarima bi ne obi yere da na wɔkye wɔn a, ɔbarima a ɔyɛɛ saa no ne ɔbaa no nyinaa, ɛsɛ sɛ wɔku wɔn.+ Monyɛ saa mfa nyi adebɔne no mfiri Israel.