Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 22
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Deuteronomium Nwoma No Mu Nsɛntitire

      • Ma wo yɔnko aboa ho nhia wo (1-4)

      • Ɔbaa nnhyɛ ɔbarima ataadeɛ, na ɔbarima nnhyɛ ɔbaa ataadeɛ (5)

      • Wo ne mmoa nni no yie (6, 7)

      • Gye ban wɔ wo dan atifi (8)

      • Nneɛma bi a wɔrentumi mfa mfra (9-11)

      • Yɛ pɔ tuatua wo ntaadeɛ ano (12)

      • Ɔbarima ne ɔbaa nna a ɛto mmara (13-30)

Deuteronomium 22:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 23:4

Deuteronomium 22:2

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 7:12

Deuteronomium 22:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 23:5; Le 19:18; Lu 10:27; Ga 6:10

Deuteronomium 22:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 22:28; Dw 145:9; Mme 12:10; Mt 10:29

Deuteronomium 22:8

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 11:2; Aso 10:9

Deuteronomium 22:9

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “bobeturo.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 19:19

Deuteronomium 22:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 12:10

Deuteronomium 22:11

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 19:19

Deuteronomium 22:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 15:38

Deuteronomium 22:13

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ɔpo no.”

Deuteronomium 22:16

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “wapo no.”

Deuteronomium 22:18

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 18:21; De 1:13; 16:18
  • +De 25:2; Mme 10:13; 19:29

Deuteronomium 22:19

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Dwetɛbena baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mal 2:16

Deuteronomium 22:21

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “wasi tuutuu.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 21:9
  • +Heb 13:4
  • +Le 11:45; 1Ko 5:13

Deuteronomium 22:22

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 20:3; Ex 20:14; Le 20:10; 1Ko 6:9, 10, 18

Deuteronomium 22:24

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 20:10; De 5:18; 1Te 4:3, 6; Heb 13:4

Deuteronomium 22:26

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “aku ɔkra no.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 4:8; Nu 35:20, 21; Yak 2:11

Deuteronomium 22:28

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 34:2, 5

Deuteronomium 22:29

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 34:11, 12; Ex 22:16

Deuteronomium 22:30

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “wanyi ne papa nkataho.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 18:8; 20:11; De 27:20; 1Ko 5:1

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Deut. 22:1Ex 23:4
Deut. 22:2Mt 7:12
Deut. 22:4Ex 23:5; Le 19:18; Lu 10:27; Ga 6:10
Deut. 22:6Le 22:28; Dw 145:9; Mme 12:10; Mt 10:29
Deut. 22:82Sa 11:2; Aso 10:9
Deut. 22:9Le 19:19
Deut. 22:10Mme 12:10
Deut. 22:11Le 19:19
Deut. 22:12Nu 15:38
Deut. 22:18Ex 18:21; De 1:13; 16:18
Deut. 22:18De 25:2; Mme 10:13; 19:29
Deut. 22:19Mal 2:16
Deut. 22:21Le 21:9
Deut. 22:21Heb 13:4
Deut. 22:21Le 11:45; 1Ko 5:13
Deut. 22:22Ge 20:3; Ex 20:14; Le 20:10; 1Ko 6:9, 10, 18
Deut. 22:24Le 20:10; De 5:18; 1Te 4:3, 6; Heb 13:4
Deut. 22:26Ge 4:8; Nu 35:20, 21; Yak 2:11
Deut. 22:28Ge 34:2, 5
Deut. 22:29Ge 34:11, 12; Ex 22:16
Deut. 22:30Le 18:8; 20:11; De 27:20; 1Ko 5:1
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Deuteronomium 22:1-30

Deuteronomium

22 “Sɛ wohunu wo nua nantwie anaa ne dwan sɛ wayera a, nyi w’ani nto nkyɛn.+ Fa no kɔma wo nua no. 2 Nanso sɛ wo nua no mmɛn wo anaa wonnim no a, ɛnneɛ fa aboa no bra wo nkyɛn wɔ wo fie kɔpem sɛ wo nua no bɛba abɛhwehwɛ no, na wode no ama no.+ 3 Sɛ wo nua afunumu, n’ataadeɛ, anaa ne biribiara yera na wohunu a, yɛ saa ara; ɛnsɛ sɛ woyi w’ani.

4 “Sɛ wohunu sɛ wo nua afunumu anaa ne nantwie da kwan mu a, nyi w’ani nto nkyɛn. Boa no ma no mma aboa no so.+

5 “Ɛnsɛ sɛ ɔbaa hyɛ barima ataadeɛ, na ɛnsɛ sɛ barima nso hyɛ ɔbaa ataadeɛ. Yehowa wo Nyankopɔn kyiri obi a ɔyɛ weinom.

6 “Sɛ wokɔto sɛ anomaa pirebuo sɛn dua so anaa ɛda fam, na anomaa mma anaa nkosua wom, na maame no butu ne mma anaa ne nkosua so a, hwɛ na woamfa maame no anka ne mma no ho ankɔ.+ 7 Ma maame no nkɔ na fa ne mma no. Woyɛ saa a, ɛbɛsi wo yie na woanyini akyɛ.

8 “Sɛ wosi efie foforɔ a, gye ban wɔ dan no atifi+ na obi amfiri hɔ anhwe ase, na wo fie no anni mogya ho fɔ.

9 “Ɛnsɛ sɛ wodua aba mmienu a ɛsono emu biara wɔ wo bobefuo* mu,+ anyɛ saa a wɔbɛgye nnɔbaeɛ no ne bobefuo no mu aba nyinaa akɔ tenabea kronkron hɔ.

10 “Mfa nantwie ne afunumu mmom mfɛntɛm asaase.+

11 “Nhyɛ ataadeɛ a wɔde odwan nwi ne nwera abom anwene.+

12 “Ntoma biara a wobɛfira no, yɛ pɔ tuatua ano nnan no.+

13 “Sɛ ɔbarima ware na ɔne ɔbaa no da, na ɔmpɛ no bio* a, 14 ebia ɔbɛbɔ ɔbaa no soboɔ sɛ wabu bra bɔne na wagu n’anim ase sɛ, ‘Ɔbaa yi, mewaree no, nanso me ne no daeɛ no, manhunu hwee a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔbaabunu.’ 15 Ɛba saa a, ababaawa no papa ne ne maame mfa deɛ ɛkyerɛ sɛ ababaawa no yɛ ɔbaabunu mmɛkyerɛ kuro no mu mpanimfoɔ wɔ kuro no pono ano. 16 Afei ababaawa no papa nka nkyerɛ mpanimfoɔ no sɛ, ‘Mede me babaa maa ɔbarima yi awareɛ, nanso ɔmpɛ no.* 17 Wabɔ no soboɔ sɛ wabu bra bɔne na waka sɛ: “Manhunu hwee a ɛkyerɛ sɛ wo babaa no yɛ ɔbaabunu.” Nanso deɛ ɛkyerɛ sɛ na me babaa no yɛ ɔbaabunu nie.’ Afei wɔntrɛ ntoma no mu wɔ kurom hɔ mpanimfoɔ anim, 18 na kurom hɔ mpanimfoɔ+ no ntwe barima no aso.+ 19 Wɔbɛgye barima no nnwetɛbena* 100 de ama ababaawa no papa, ɛfiri sɛ wagu Israelni baabunu anim ase.+ Ɔbɛkɔ so ne no atena sɛ ne yere; ne nkwa nna nyinaa, ɔrentumi nnyaa no.

20 “Na sɛ ɛba sɛ asɛm no yɛ nokorɛ na wɔanhunu biribiara a ɛkyerɛ sɛ ababaawa no yɛ ɔbaabunu a, 21 ɛnneɛ wɔmfa ababaawa no mmɛgyina ne papa fie anim na ne kurom mmarima nsi no aboɔ nku no, ɛfiri sɛ wabɔ adwaman* wɔ ne papa fie+ ayɛ aniwudeɛ+ wɔ Israel. Monyɛ saa mfa nyi adebɔne no mfiri mo mu.+

22 “Sɛ ɔbarima bi ne obi yere da na wɔkye wɔn a, ɔbarima a ɔyɛɛ saa no ne ɔbaa no nyinaa, ɛsɛ sɛ wɔku wɔn.+ Monyɛ saa mfa nyi adebɔne no mfiri Israel.

23 “Sɛ ɔbarima bi de n’ano to ababaawa a ɔyɛ ɔbaabunu so na ɔbarima foforɔ hu no wɔ kurom na ɔne no da a, 24 momfa wɔn mmienu mmra kuro no pono ano na monsi wɔn aboɔ nku wɔn. Deɛ enti a ɛsɛ sɛ wɔn mmienu no wu ne sɛ, na ababaawa no wɔ kurom nanso wanteateam, na ɔbarima no nso agu ne yɔnko yere anim ase.+ Monyɛ saa mfa nyi adebɔne no mfiri mo mu.

25 “Nanso ababaawa a obi de n’ano ato ne so no, sɛ ɔbarima no hyiaa no wɔ wuram ɛnna ɔyeree no ne no daeɛ a, ɛnneɛ ɔbarima a ɔne no daeɛ no nko ara na ɔbɛwuo. 26 Ababaawa no deɛ, nyɛ no hwee. Ɔnyɛɛ bɔne biara a enti ɛsɛ sɛ ɔwu. Asɛm yi te sɛ deɛ ɔbarima bi ato ahyɛ ne yɔnko so aku no* pɛpɛɛpɛ.+ 27 Wuram na ɔhuu no. Ababaawa a obi de n’ano ato ne so no teateaam, nanso na obiara nni hɔ a ɔbɛgye no.

28 “Sɛ ɔbarima bi hunu ababaawa bi a ɔyɛ ɔbaabunu a obiara mfaa n’ano ntoo ne so, na ɔkye no ne no da na wɔhu wɔn a,+ 29 ɔbarima a ɔne no daeɛ no ntua sika nnwetɛbena 50 mma ɔbaa no papa na ɔnware no,+ ɛfiri sɛ wagu n’anim ase. Ne nkwa nna nyinaa ɔrentumi nnyaa no.

30 “Ɛnsɛ sɛ obiara fa ne papa yere, na wangu ne papa anim ase.*+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane