Deuteronomium
23 “Ɔbarima biara a wɔasa no, kyerɛ sɛ wɔapɛkyɛ ne hwewa mu aba anaa deɛ ne barima so atwa rentumi mma Yehowa asafo mu.+
2 “Ɛnsɛ sɛ adwaman ba biara ba Yehowa asafo mu.+ N’awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so du a wɔbɛdi n’akyi aba mpo rentumi mma Yehowa asafo mu.
3 “Ɛnsɛ sɛ Ammonni anaa Moabni biara ba Yehowa asafo mu.+ Wɔn awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so du a wɔbɛdi wɔn akyi aba mpo rentumi mma Yehowa asafo mu da, 4 ɛfiri sɛ berɛ a mofiri Egypt reba no,+ wɔamfa aduane ne nsuo ammɛhyia mo wɔ kwan so. Afei wɔbɔɔ paa sɛ Beor ba Baalam a ɔfiri Petor a ɛwɔ Mesopotamia no nnome mo.*+ 5 Nanso Yehowa wo Nyankopɔn antie Baalam,+ na mmom Yehowa wo Nyankopɔn sesaa nnome no yɛɛ no nhyira maa wo,+ ɛfiri sɛ Yehowa wo Nyankopɔn dɔ wo.+ 6 Wo nkwa nna nyinaa, nyɛ biribi a ɛbɛma no asi wɔn yie anaa wɔanya nkɔsoɔ.+
7 “Ntan Edomni, ɛfiri sɛ ɔyɛ wo nua.+
“Ntan Egyptni nso, ɛfiri sɛ na woyɛ hɔhoɔ wɔ ne kurom.+ 8 Awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so mmiɛnsa a wɔbɛwo wɔn no bɛtumi aba Yehowa asafo mu.
9 “Sɛ wokɔsoɛ baabi sɛ wo ne w’atamfo rekɔko a, twe wo ho firi adebɔne biara* ho.+ 10 Sɛ barima bi ho ba+ anadwo ma ɛno nti ne ho gu fi a, ɔnkɔ asoɛeɛ no akyi. Ɛnsɛ sɛ ɔsan ba asoɛeɛ hɔ. 11 Sɛ ɛduru anwummerɛ a, ɔmfa nsuo nnware, na afei berɛ a awia akɔtɔ no, ɔnsan mmra asoɛeɛ hɔ.+ 12 Yɛ baabi* wɔ asoɛeɛ no akyi a wobɛkɔ akɔyɛ wo ho yie wɔ hɔ. 13 Sɛ wokɔ mfikyire hɔ sɛ worekɔkoto agya w’anan a, nya sɔsɔ wɔ wo nneɛma mu na wode atu amena, na wowie a wode akata wo tiafi so. 14 Ɛfiri sɛ Yehowa wo Nyankopɔn nam w’asoɛeɛ hɔ+ sɛ ɔbɛgye wo na ɔde w’atamfo ahyɛ wo nsa. Enti ma w’asoɛeɛ hɔ nyɛ kronkron+ na wammɛhu atantanneɛ biara wɔ wo mfimfini na wantwe ne ho amfiri wo ho.
15 “Sɛ akoa dwane firi ne wura nkyɛn ba wo hɔ a, nsan mfa no nkɔma ne wura. 16 Ma no ntena wo nkyɛn wɔ baabiara a ɔpɛ wɔ wo nkuro no bi mu. Hwɛ na woanteetee no.+
17 “Ɛnsɛ sɛ Israelni baa biara yɛ tuutuuni+ wɔ asɔrefie, na saa ara na ɛnsɛ sɛ Israelni barima biara yɛ tuutuuni wɔ asɔrefie.+ 18 Mfa tuutuuni baa akatua anaa tuutuuni barima* akatua mma sɛ wode rebɛtua wo bɔhyɛ adeɛ wɔ Yehowa wo Nyankopɔn fie, ɛfiri sɛ Yehowa wo Nyankopɔn kyiri wɔn nyinaa.
19 “Mma wo nua nntua nsiho+ wɔ biribiara ho; sika ho nsiho oo, aduane ho nsiho oo, biribi foforɔ biara ho nsiho oo, mma wo nua nntua. 20 Wobɛtumi agye hɔhoɔ nsiho,+ nanso wo nua deɛ, nnye no nsiho+ na ama Yehowa wo Nyankopɔn ahyira biribiara a wobɛyɛ wɔ asaase a worekɔtena so no so.+
21 “Sɛ wohyɛ Yehowa wo Nyankopɔn bɔ a,+ ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛdi so,+ anyɛ saa a Yehowa wo Nyankopɔn bɛbisa wo ɛkwan biara so, na ɛbɛdane bɔne ama wo.+ 22 Sɛ wonhyɛɛ bɔ deɛ a, wonyɛɛ bɔne.+ 23 Asɛm biara a ɛbɛfiri w’anom aba no, hwɛ di so,+ na biribiara a wobɛhyɛ bɔ sɛ wode bɛbɔ ayamyɛ afɔreɛ ama Yehowa wo Nyankopɔn no, yɛ deɛ wode w’ano aka no pɛpɛɛpɛ.+
24 “Sɛ wokɔ wo yɔnko bobefuo* mu a, di aba dodoɔ a ɛbɛmee wo,* nanso mfa bi ngu w’adeɛ mu nkɔ.+
25 “Sɛ wokɔ wo yɔnko afuo mu a, fa wo nsa pempan hwiit* a anyini no bi, nanso hwɛ na woantwe kantankrankyi* anto wo yɔnko afuo so.+