Exodus 22:25 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 25 “Sɛ mobɔ me nkurɔfoɔ a ahia wɔn* no bosea a, monnyɛ mo ho sɛ wɔn a wɔbɔ nkurɔfoɔ bosea de pɛ mfaso bɔne no. Mommfa nsiho biara nnka ho.+ Leviticus 25:36, 37 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 36 Nnye no nsiho na nhwehwɛ ne ho mfaso bɔne.+ Suro wo Nyankopɔn+ na wo nua no atena nkwa mu wɔ wo nkyɛn. 37 Woma no sika a, nnye nsiho,+ na woma no aduane a, mfa mpɛ mfasoɔ. Nehemia 5:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Me nso ɛyɛ a me ne me nuanom ne m’asomfoɔ de sika ne aduane fɛm wɔn a yɛnnye nsiho. Mesrɛ mo, momma yɛnnyae nsiho no gye.+ Dwom 15:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Ɔde ne sika bɔ bosea a, ɔnnye nsiho,+Na ɔnnye deɛ ne ho nni asɛm nkyɛn adanmudeɛ.*+ Onipa a ɔte saa no renhinhim da biara da.+
25 “Sɛ mobɔ me nkurɔfoɔ a ahia wɔn* no bosea a, monnyɛ mo ho sɛ wɔn a wɔbɔ nkurɔfoɔ bosea de pɛ mfaso bɔne no. Mommfa nsiho biara nnka ho.+
36 Nnye no nsiho na nhwehwɛ ne ho mfaso bɔne.+ Suro wo Nyankopɔn+ na wo nua no atena nkwa mu wɔ wo nkyɛn. 37 Woma no sika a, nnye nsiho,+ na woma no aduane a, mfa mpɛ mfasoɔ.
10 Me nso ɛyɛ a me ne me nuanom ne m’asomfoɔ de sika ne aduane fɛm wɔn a yɛnnye nsiho. Mesrɛ mo, momma yɛnnyae nsiho no gye.+
5 Ɔde ne sika bɔ bosea a, ɔnnye nsiho,+Na ɔnnye deɛ ne ho nni asɛm nkyɛn adanmudeɛ.*+ Onipa a ɔte saa no renhinhim da biara da.+