Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 23
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Deuteronomium 23:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 56:4; Mt 19:12
  • +Le 21:20

Deuteronomium 23:2

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 20:14; Le 20:10; Yoh 8:41; Heb 12:8

Deuteronomium 23:3

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ne 13:1

Deuteronomium 23:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 2:29; Ate 11:18; Mt 25:45
  • +Nu 22:6; Yos 24:9; Ne 13:2

Deuteronomium 23:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 22:35; Mik 6:5
  • +Nu 23:11, 25; 24:10; Dw 3:8
  • +De 7:7; 33:3; Hes 16:8; Mal 1:2

Deuteronomium 23:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 8:2; 12:31

Deuteronomium 23:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 25:24; 36:1; Nu 20:14; Ob 10
  • +Ge 15:13; 46:6; Ex 22:21; Le 19:34; Dw 105:23

Deuteronomium 23:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Sa 21:5; 2Sa 11:11

Deuteronomium 23:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 15:16
  • +1Sa 20:26

Deuteronomium 23:11

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 15:31

Deuteronomium 23:13

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Sa 24:3

Deuteronomium 23:14

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 26:12
  • +De 7:2, 23
  • +1Pe 1:16
  • +Le 26:17; 2Pe 3:14

Deuteronomium 23:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Sa 30:15

Deuteronomium 23:16

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 16:3
  • +Ex 22:21; Yer 7:5; Sak 7:9; Mal 3:5

Deuteronomium 23:17

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 19:29; 21:9
  • +1Ah 14:24; 15:12; 2Ah 23:7

Deuteronomium 23:18

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɛbɛtumi akyerɛ obi a ɔfa obi, ɛnkanka abarimaa, wɔ ne to.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Hes 16:33
  • +Ge 19:5; Ro 1:27; 1Ti 1:10; Adi 22:15

Deuteronomium 23:19

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 22:25; Le 25:36; Ne 5:10; Dw 15:5; Hes 18:8; 22:12
  • +Le 25:37

Deuteronomium 23:20

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 15:6
  • +Mme 28:8; Hes 18:17
  • +De 15:4, 10; Mme 19:17; Lu 6:35

Deuteronomium 23:21

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 11:30; 1Sa 1:11
  • +Hio 22:27; Dw 66:13; 116:18; Ɔsɛ 5:4; Yon 2:9; Na 1:15
  • +Ɔsɛ 5:6; Ro 1:31; Yak 4:17

Deuteronomium 23:22

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ɔsɛ 5:5

Deuteronomium 23:23

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 30:2; Dw 15:4; Mme 20:25
  • +Ate 11:35; 1Sa 14:24; Mt 5:33

Deuteronomium 23:24

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 6:11; Ro 13:10

Deuteronomium 23:25

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 12:1; Lu 6:1

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Deut. 23:1Yes 56:4; Mt 19:12
Deut. 23:1Le 21:20
Deut. 23:2Ex 20:14; Le 20:10; Yoh 8:41; Heb 12:8
Deut. 23:3Ne 13:1
Deut. 23:4De 2:29; Ate 11:18; Mt 25:45
Deut. 23:4Nu 22:6; Yos 24:9; Ne 13:2
Deut. 23:5Nu 22:35; Mik 6:5
Deut. 23:5Nu 23:11, 25; 24:10; Dw 3:8
Deut. 23:5De 7:7; 33:3; Hes 16:8; Mal 1:2
Deut. 23:62Sa 8:2; 12:31
Deut. 23:7Ge 25:24; 36:1; Nu 20:14; Ob 10
Deut. 23:7Ge 15:13; 46:6; Ex 22:21; Le 19:34; Dw 105:23
Deut. 23:91Sa 21:5; 2Sa 11:11
Deut. 23:10Le 15:16
Deut. 23:101Sa 20:26
Deut. 23:11Le 15:31
Deut. 23:131Sa 24:3
Deut. 23:14Le 26:12
Deut. 23:14De 7:2, 23
Deut. 23:141Pe 1:16
Deut. 23:14Le 26:17; 2Pe 3:14
Deut. 23:151Sa 30:15
Deut. 23:16Yes 16:3
Deut. 23:16Ex 22:21; Yer 7:5; Sak 7:9; Mal 3:5
Deut. 23:17Le 19:29; 21:9
Deut. 23:171Ah 14:24; 15:12; 2Ah 23:7
Deut. 23:18Hes 16:33
Deut. 23:18Ge 19:5; Ro 1:27; 1Ti 1:10; Adi 22:15
Deut. 23:19Ex 22:25; Le 25:36; Ne 5:10; Dw 15:5; Hes 18:8; 22:12
Deut. 23:19Le 25:37
Deut. 23:20De 15:6
Deut. 23:20Mme 28:8; Hes 18:17
Deut. 23:20De 15:4, 10; Mme 19:17; Lu 6:35
Deut. 23:21Ate 11:30; 1Sa 1:11
Deut. 23:21Hio 22:27; Dw 66:13; 116:18; Ɔsɛ 5:4; Yon 2:9; Na 1:15
Deut. 23:21Ɔsɛ 5:6; Ro 1:31; Yak 4:17
Deut. 23:22Ɔsɛ 5:5
Deut. 23:23Nu 30:2; Dw 15:4; Mme 20:25
Deut. 23:23Ate 11:35; 1Sa 14:24; Mt 5:33
Deut. 23:24Mt 6:11; Ro 13:10
Deut. 23:25Mt 12:1; Lu 6:1
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Deuteronomium 23:1-25

Deuteronomium

23 “Ɔbarima biara a ne hwewa mu aba apɛkyɛ+ anaa deɛ ne barima so atwa+ ntumi mma Yehowa asafo mu.

2 “Obiara a ɔyɛ adwaman+ ba ntumi mma Yehowa asafo mu. N’awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so du a wɔbɛdi n’akyi aba mpo ntumi mma Yehowa asafo mu.

3 “Ammonni anaa Moabni biara ntumi mma Yehowa asafo mu.+ Wɔn awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so du a wɔbɛdi wɔn akyi aba mpo ntumi mma Yehowa asafo mu da, 4 ɛfiri sɛ berɛ a mofiri Egypt reba no wɔamfa aduane ne nsuo ammɛhyia mo kwan so.+ Afei wɔbɔɔ Beor ba Balaam a ɔfiri Petor a ɛwɔ Mesopotamia paa sɛ ɔnnome wo.+ 5 Nanso Yehowa wo Nyankopɔn antie Balaam,+ na Yehowa wo Nyankopɔn danee nnome no yɛɛ no nhyira maa wo,+ ɛfiri sɛ Yehowa wo Nyankopɔn dɔ wo.+ 6 Wo nkwa nna nyinaa, nhwehwɛ wɔn asomdwoeɛ ne wɔn yiedie da.+

7 “Nanso ntan Edomni biara ɛfiri sɛ ɔyɛ wo nua.+

“Na ntan Egyptni biara nso ɛfiri sɛ na woyɛ hɔhoɔ wɔ ne kurom.+ 8 Awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so mmiɛnsa a wɔbɛwo wɔn no bɛtumi aba Yehowa asafo mu.

9 “Sɛ wokɔsoɛ baabi sɛ wo ne w’atamfo rebɛko a, twe wo ho firi bɔne biara ho.+ 10 Sɛ obi wɔ wo mu na ne ho gu fĩ anadwo a,+ ne ho nte, enti ɔnkɔ nsraban no akyi. Ɛnsɛ sɛ ɔba nsraban no mu.+ 11 Na ɛrekɔ anwummerɛ no, ɔmfa nsuo nnware, na sɛ awia kɔtɔ a, afei ɔmmra nsraban no mu.+ 12 Siesie baabi nsraban no akyi na woakɔyɛ wo ho yie wɔ hɔ. 13 Nya sɔsɔ wɔ wo nneɛma mu na sɛ worekɔgya w’anan mfikyire hɔ a, wode atu amena, na wowie a wode akata wo tiafi so.+ 14 Hwɛ, Yehowa wo Nyankopɔn nam wo nsraban mu sɛ ɔbɛgye wo+ na ɔde w’atamfo ahyɛ wo nsa.+ Enti ma wo nsraban mu nyɛ kronkron+ na wammɛhunu atantanneɛ biara wo mfimfini na wantwe ne ho amfiri wo ho.+

15 “Sɛ akoa dwane firi ne wura nkyɛn ba wo hɔ a, mfa no nsan nkɔma ne wura no.+ 16 Ma no ntena wo nkyɛn wo nkuro no mu baabiara+ a ɔpɛ. Na hwɛ na woanteetee no.+

17 “Israelni baa biara nnnane asɔrefie dwamanfoɔ,+ na saa ara na Israelni barima biara nso nnnane asɔrefie dwamanfoɔ.+ 18 Mfa odwamanfoɔ akatua+ anaa kraman* boɔ+ mma Yehowa wo Nyankopɔn fie sɛ bɔhyɛ adeɛ, ɛfiri sɛ nneɛma mmienu yi nyinaa yɛ Yehowa wo Nyankopɔn akyiwadeɛ.

19 “Mma wo nua nntua biribiara ho nsiho,+ sika ho nsiho, aduane ho nsiho,+ anaa biribi foforɔ biara a wɔgye ɛho nsiho. 20 Wobɛtumi agye ɔhɔhoɔ+ nsiho, nanso wo nua deɛ, nnye no nsiho+ na ama Yehowa wo Nyankopɔn ahyira biribiara a wobɛyɛ no asase a worekɔtena soɔ no so.+

21 “Sɛ wohyɛ Yehowa wo Nyankopɔn bɔ a,+ ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛtua,+ ɛfiri sɛ Yehowa wo Nyankopɔn bɛhwehwɛ afiri wo hɔ, na ɛbɛdane bɔne ama wo.+ 22 Na sɛ woanhyɛ bɔ a, ɛnneɛ wonyɛɛ bɔne biara.+ 23 Hwɛ di asɛm biara a ɛbɛfiri w’anom aba so,+ na biribiara a wode bɛhyɛ Yehowa wo Nyankopɔn bɔ sɛ wofiri wo pɛ mu de bɛbɔ afɔdeɛ ama no no, yɛ deɛ wode w’ano aka no pɛpɛɛpɛ.+

24 “Sɛ wokɔ wo yɔnko bobeturom a, di aba dodoɔ a ɛbɛmee woɔ, nanso mfa bi ngu w’adeɛ mu.+

25 “Sɛ wokɔ wo yɔnko ayufuo mu a, fa wo nsa pempan deɛ anyini no bi, nanso hwɛ na woantwe kantankrankyi anto wo yɔnko ayufuo so.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane