30 Na Yefta hyɛɛ Yehowa bɔ+ sɛ: “Sɛ wode Ammonfoɔ hyɛ me nsa, 31 na medi Ammonfoɔ so nkonim na mesan ba asomdwoeɛ mu a, obiara a ɔbɛpue afiri me fie pono ano abɛhyia me no, mede no bɛma Yehowa,+ na mede no bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ama no.”+
11 Na ɔkaa ntam sɛ: “O asafo Yehowa, sɛ wohwɛ w’afenaa amanehunu na wokae me, na wo werɛ amfi w’afenaa, na woma w’afenaa ɔbabarima a,+ ɛnneɛ mede no bɛma Yehowa ne nkwa nna nyinaa, na yiwan renka ne ti.”+