11 Afei Sekem ka kyerɛɛ Dina papa ne ne nuanom sɛ: “Mesrɛ mo, momma mennya mo anim adom, na biribiara a mobɛbisa no mede bɛma mo. 12 Ti adeɛ ne akyɛdeɛ biara a mobɛgye me no, sɛ ɛso sɛ deɛn koraa a, mɛtua.+ Deɛ ɛhia me ara ne sɛ mode ababaawa no bɛma me awareɛ.”