Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 21
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Deuteronomium Nwoma No Mu Nsɛntitire

      • Obi wu na wɔanhunu deɛ ɔkum no a, deɛ wɔbɛyɛ (1-9)

      • Akwankyerɛ a ɛfa mfenaa awareɛ ho (10-14)

      • Abakan kyɛfa (15-17)

      • Ɔba a ɔyɛ otuatefoɔ (18-21)

      • Wɔsɛn obi wɔ dua so a, nnome wɔ ne so (22, 23)

Deuteronomium 21:2

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 16:18

Deuteronomium 21:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 35:33

Deuteronomium 21:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 28:1
  • +Nu 6:23-27; 1Be 23:13
  • +De 17:8, 9

Deuteronomium 21:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 26:6; Mt 27:24

Deuteronomium 21:8

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 7:23
  • +Yes 26:21; Yer 26:15

Deuteronomium 21:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 31:9; De 20:13, 14

Deuteronomium 21:12

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ɔmmma ne mmɔwerɛ mmfu.”

Deuteronomium 21:13

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 20:29; De 34:8

Deuteronomium 21:14

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “baabiara a ne kra pɛ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 24:1

Deuteronomium 21:15

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “ɔdɔ baako tan baako.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 29:30, 33

Deuteronomium 21:17

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “abupɛn.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 25:31; 2Be 21:3

Deuteronomium 21:18

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 20:12; De 27:16; Mme 1:8; Efe 6:1
  • +De 8:5; Mme 13:24; 19:18; 23:13; Heb 12:9

Deuteronomium 21:20

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “obi a ɔdidi boro so.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 28:7
  • +Ro 13:13; 1Ko 6:10; Efe 5:18

Deuteronomium 21:21

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 13:10, 11

Deuteronomium 21:22

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 25:5
  • +Yos 10:26; Aso 10:39

Deuteronomium 21:23

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yos 8:29; Yoh 19:31
  • +Ga 3:13
  • +Nu 35:34

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Deut. 21:2De 16:18
Deut. 21:4Nu 35:33
Deut. 21:5Ex 28:1
Deut. 21:5Nu 6:23-27; 1Be 23:13
Deut. 21:5De 17:8, 9
Deut. 21:6Dw 26:6; Mt 27:24
Deut. 21:82Sa 7:23
Deut. 21:8Yes 26:21; Yer 26:15
Deut. 21:10Nu 31:9; De 20:13, 14
Deut. 21:13Nu 20:29; De 34:8
Deut. 21:14De 24:1
Deut. 21:15Ge 29:30, 33
Deut. 21:17Ge 25:31; 2Be 21:3
Deut. 21:18Ex 20:12; De 27:16; Mme 1:8; Efe 6:1
Deut. 21:18De 8:5; Mme 13:24; 19:18; 23:13; Heb 12:9
Deut. 21:20Mme 28:7
Deut. 21:20Ro 13:13; 1Ko 6:10; Efe 5:18
Deut. 21:21De 13:10, 11
Deut. 21:22Nu 25:5
Deut. 21:22Yos 10:26; Aso 10:39
Deut. 21:23Yos 8:29; Yoh 19:31
Deut. 21:23Ga 3:13
Deut. 21:23Nu 35:34
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Deuteronomium 21:1-23

Deuteronomium

21 “Sɛ wokɔtena asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so na sɛ wokɔto sɛ wɔakum obi ato wuram, na obiara nnim deɛ ɔkuu no a, 2 wo kurom mpanimfoɔ ne atemmufoɔ+ nkɔsusu mfiri faako a deɛ wawu no da no nkɔ nkuro a ɛbembɛn hɔ no. 3 Mpanimfoɔ a wɔwɔ kuro a ɛbɛn deɛ wawu no paa mfa nantwie ba a ɔnyɛɛ adwuma da na wɔmfaa kɔndua ntoo no so da mmra. 4 Kuro no mu mpanimfoɔ no mfa nantwie ba no nkɔ subɔn a nsuo resene wom mu, baabi a wɔnnɔɔ da na wɔnnuaa hwee wɔ hɔ da. Afei wɔmmu nantwie ba no kɔn mu wɔ subɔn no mu.+

5 “Lewifoɔ a wɔyɛ asɔfoɔ no mmra hɔ ɛfiri sɛ wɔn na Yehowa wo Nyankopɔn ayi wɔn sɛ wɔnsom+ no na wɔmfa Yehowa din nhyira nkurɔfoɔ.+ Sɛ obi to hyɛ ne yɔnko so anaa awudisɛm bi sɔre a, wɔn anom asɛm so na wɔbɛgyina abua asɛm no.+ 6 Afei mpanimfoɔ a wɔwɔ kuro a ɛbɛn deɛ wawu no mu nyinaa mmra, na wɔnhohoro wɔn nsa+ ngu nantwie ba a wɔabu ne kɔn mu wɔ subɔn no mu no so, 7 na wɔnka sɛ, ‘Ɛnyɛ yɛn nsa na ɛhwiee mogya yi guiɛ, na yɛamfa yɛn ani nso anhu sɛ obi reyɛ saa. 8 O Yehowa, mmu wo man Israel a woagye wɔn+ no fɔ wɔ asɛm yi mu, na mma mogya a ɛdi bem ho asodie nntena wo man Israel mu.’+ Wɔyɛ saa a, ɛnneɛ wɔremfa mogya ho asodie nto wɔn so. 9 Ɛno bɛma woayɛ deɛ ɛsɔ Yehowa ani na woayi mogya a ɛdi bem ho asodie afiri wo mu.

10 “Sɛ wo ne w’atamfo kɔko na Yehowa wo Nyankopɔn ma wodi wɔn so nkonim na wode wɔn yɛ nkoa,+ 11 na wohunu ɔbaa bi wɔ nkoa no mu a ne ho yɛ fɛ, na w’ani gye ne ho na wopɛ sɛ woware no a, 12 wobɛtumi de no akɔ wo fie. Afei ma no nyi ne tiri nwi, ɔmmubu ne mmɔwerɛ,* 13 ɔnyi n’ataadeɛ a ɔde baa nkoasom mu no, na ɔntena wo fie nsu ne papa ne ne maame bosome baako.+ Sɛ ɔwie a, wo ne no nna; wobɛyɛ ne kunu na ɔno nso bɛyɛ wo yere. 14 Na sɛ w’ani nnye ne ho a, gyaa no ma no nkɔ+ baabiara a ɔpɛ.* Woabrɛ no ase, enti hwɛ na woantɔn no anaa woanyɛ no basabasa.

15 “Sɛ ɔbarima bi wɔ yerenom mmienu na ɔdɔ baako sene baako,* na sɛ ɔne mmaa mmienu no nyinaa wo mmarima, na deɛ ɔnnɔ no kɛse no ba ne panin a,+ 16 ɛnneɛ da a ɔbɛkyɛ n’agyapadeɛ ama ne mma no, ɔrentumi nsiane deɛ ɔnnɔ no kɛse no ba a ɔyɛ panin no ho mfa abakan kyɛfa no mma deɛ ɔdɔ no no ba no. 17 Deɛ ɔnnɔ no kɛse no ba no, ɔno na ɛsɛ sɛ ɔbu no sɛ abakan, na sɛ ɔkyɛ n’agyapadeɛ a, ɛsɛ sɛ ɔma no kyɛfa* mmienu. Ɛfiri sɛ ɔno ne n’ahoɔden mfitiaseɛ. Abakan diberɛ yɛ ne dea.+

18 “Sɛ ɔbarima bi wɔ ɔba tuatefoɔ a n’aso yɛ den, na sɛ ɔntie ne papa ne ne maame asɛm,+ na wɔtu no fo na ɔntie a,+ 19 ɛnneɛ ne papa ne ne maame mfa no mmra ne kurom mpanimfoɔ anim wɔ kuro no pono ano, 20 na wɔnka nkyerɛ ne kurom mpanimfoɔ sɛ, ‘Yɛn ba yi yɛ tuatefoɔ a n’aso yɛ den na ɔntie yɛn asɛm. Ɔyɛ didifoɔ*+ ne ɔsabofoɔ.’+ 21 Afei ne kurom mmarima nyinaa nsi no aboɔ mma no nwu. Monyɛ saa mfa nyi adebɔne no mfiri mo mu na Israelfoɔ nyinaa nte na wɔnsuro.+

22 “Sɛ ɔbarima bi yɛ bɔne na ɔfata wuo, na moku+ no de no sɛn dua so a,+ 23 mommma ne funu nnsɛn dua no so mmma adeɛ nnkye so.+ Monhwɛ nsie no da no ara ɛfiri sɛ obiara a wɔasɛn no dua so no, Onyankopɔn nnome wɔ ne so;+ mommma ɛfĩ nnka asaase a Yehowa mo Nyankopɔn de ama mo sɛ agyapadeɛ no.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane