Exodus 20:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 “Di wo papa ne wo maame ni+ na woanyini akyɛ wɔ asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so.+ Deuteronomium 27:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 “‘Nnome nka deɛ ɔbɛbu ne papa anaa ne maame animtia.’+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’) Mmebusɛm 1:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Me ba, tie wo papa ntenesoɔ,+Na mpo wo maame akwankyerɛ.*+ Efesofoɔ 6:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Mma, montie mo awofoɔ asɛm+ sɛdeɛ Awurade pɛ, na wei na ɛtene.