Deuteronomium 8:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Na wonim no w’akomam sɛ Yehowa wo Nyankopɔn tenee wo so sɛdeɛ agya tene ne ba so no.+ Mmebusɛm 13:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Obiara a ɔmfa n’abaa* nyɛ adwuma no, ɔtan ne ba,+Na deɛ ɔdɔ ne ba no, ɔde ahokeka tene ne so.*+ Mmebusɛm 19:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Berɛ a anidasoɔ wɔ hɔ yi, tene wo ba;+Mma ɛnnkɔba sɛ wo na woama no awuo.*+ Mmebusɛm 23:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Mfa ntenesoɔ nkame abɔfra.*+ Sɛ wode abaa hwe no a, ɔrenwu. Hebrifoɔ 12:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Bio nso, na yɛn agyanom* a wɔwoo yɛn no tene yɛn so, na na yɛbu wɔn. Ɛnneɛ yɛn honhom mu Agya no nso ɛ? Ɛnsɛ sɛ yɛyi yɛn yam de yɛn ho hyɛ n’ase kɛse na yɛnya nkwa anaa?+
9 Bio nso, na yɛn agyanom* a wɔwoo yɛn no tene yɛn so, na na yɛbu wɔn. Ɛnneɛ yɛn honhom mu Agya no nso ɛ? Ɛnsɛ sɛ yɛyi yɛn yam de yɛn ho hyɛ n’ase kɛse na yɛnya nkwa anaa?+