Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 8
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Deuteronomium Nwoma No Mu Nsɛntitire

      • Wɔkaa Yehowa nhyira ho asɛm bio (1-9)

        • “Ɛnyɛ paanoo nko ara na onipa nam so bɛtena ase” (3)

      • Mma wo werɛ mmfi Yehowa (10-20)

Deuteronomium 8:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 3:1, 2
  • +Ge 15:18

Deuteronomium 8:2

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 2:7
  • +Ex 16:4; 20:20
  • +De 13:3; Mme 17:3

Deuteronomium 8:3

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 16:3
  • +Ex 16:31; Dw 78:24
  • +Mt 4:4

Deuteronomium 8:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 29:5; Ne 9:21

Deuteronomium 8:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 3:12; 1Ko 11:32; Heb 12:5-7; Adi 3:19

Deuteronomium 8:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 3:8; Le 26:4; De 11:11, 12

Deuteronomium 8:8

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛte sɛ ɛmo.

  • *

    Anaa “pomegranate.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 13:23
  • +Hes 20:6

Deuteronomium 8:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 6:10-12

Deuteronomium 8:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ho 13:6

Deuteronomium 8:14

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 9:4; 32:15
  • +Dw 106:21

Deuteronomium 8:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 1:19; Yer 2:6
  • +Nu 20:11

Deuteronomium 8:16

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 16:35
  • +De 8:2
  • +Heb 12:11

Deuteronomium 8:17

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ho 12:8

Deuteronomium 8:18

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 127:1; Ho 2:8
  • +De 7:12

Deuteronomium 8:19

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 4:25, 26; 30:17, 18; Yos 23:12, 13

Deuteronomium 8:20

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Da 9:11, 12

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Deut. 8:1Mme 3:1, 2
Deut. 8:1Ge 15:18
Deut. 8:2De 2:7
Deut. 8:2Ex 16:4; 20:20
Deut. 8:2De 13:3; Mme 17:3
Deut. 8:3Ex 16:3
Deut. 8:3Ex 16:31; Dw 78:24
Deut. 8:3Mt 4:4
Deut. 8:4De 29:5; Ne 9:21
Deut. 8:5Mme 3:12; 1Ko 11:32; Heb 12:5-7; Adi 3:19
Deut. 8:7Ex 3:8; Le 26:4; De 11:11, 12
Deut. 8:8Nu 13:23
Deut. 8:8Hes 20:6
Deut. 8:10De 6:10-12
Deut. 8:12Ho 13:6
Deut. 8:14De 9:4; 32:15
Deut. 8:14Dw 106:21
Deut. 8:15De 1:19; Yer 2:6
Deut. 8:15Nu 20:11
Deut. 8:16Ex 16:35
Deut. 8:16De 8:2
Deut. 8:16Heb 12:11
Deut. 8:17Ho 12:8
Deut. 8:18Dw 127:1; Ho 2:8
Deut. 8:18De 7:12
Deut. 8:19De 4:25, 26; 30:17, 18; Yos 23:12, 13
Deut. 8:20Da 9:11, 12
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Deuteronomium 8:1-20

Deuteronomium

8 “Monhwɛ nni mmara nsɛm a mede rema mo nnɛ yi nyinaa so na moatena nkwa mu,+ na mo ase atrɛ, na moakɔfa asaase a Yehowa kaa ho ntam kyerɛɛ mo agyanom no.+ 2 Kae kwantenten a Yehowa wo Nyankopɔn ama woatwa no serɛ so mfeɛ 40 yi nyinaa,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔde bɛkyerɛ wo ahobrɛaseɛ na wasɔ wo ahwɛ+ ahunu deɛ ɛwɔ w’akomam,+ sɛ wobɛdi ne mmara so anaa worenni so. 3 Enti ɔmaa kɔm dee wo de kyerɛɛ wo ahobrɛaseɛ.+ Afei ɔmaa wodii mana+ a na wo ne w’agyanom biara nhunuu bi da, na woahu sɛ ɛnyɛ paanoo nko ara na onipa nam so bɛtena ase, na mmom asɛm biara a ɛfiri Yehowa anom nso.+ 4 Mfeɛ 40 yi nyinaa wo ntaadeɛ antete na wo nan ase antaataa.+ 5 Na wonim no w’akomam sɛ Yehowa wo Nyankopɔn tenee wo so sɛdeɛ agya tene ne ba so no.+

6 “Afei di Yehowa wo Nyankopɔn mmara so. Ɛkwan a wobɛfa so ayɛ saa ne sɛ wobɛtie no na woasuro no. 7 Yehowa wo Nyankopɔn de wo rekɔ asaase pa so;+ asaase a nsubɔnten, nsuwansuwa, ne atadeɛ a ɛfiri abɔn ne mmepɔ mu sene wɔ so. 8 Ɛyɛ asaase a hwiit, baali,* bobe, borɔdɔma nnua, granate akutuo,*+ ngodua, ne ɛwoɔ wɔ so.+ 9 Ɛyɛ asaase a ɛkɔm renne wo wɔ so na hwee renhia wo wɔ hɔ; ɛyɛ asaase a aboɔ a ɛwɔ so no, nnadeɛ ayɛ mu ma, na wobɛtu kɔbere afiri ne mmepɔ mu.

10 “Sɛ wodidi mee a, yi Yehowa wo Nyankopɔn ayɛ sɛ wama wo asaase pa.+ 11 Hwɛ yie na wo werɛ amfi Yehowa wo Nyankopɔn, na woannane w’akyi ankyerɛ ne mmara nsɛm, n’atemmusɛm, ne n’ahyɛdeɛ a ɛnnɛ mede rema wo yi. 12 Sɛ wodidi mee na wosisi adan pa tena mu,+ 13 na wonya anantwie ne nnwan ne dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ne agyapadeɛ pii a, 14 mma w’akoma mmma ne ho so+ na wo werɛ amfi Yehowa wo Nyankopɔn a ɔyii wo firii nkoafie wɔ Egypt asaase so no.+ 15 Ɔno na ɔde wo faa serɛ kɛseɛ a ɛso yɛ hu so,+ serɛ a awɔ a borɔ wɔ wɔn ano ne nyanyankyerɛ wɔ so, asaase kesee a nsuo nni so. Ɔmaa wo nsuo firii ɔbotan a ɛyɛ den mu.+ 16 Ɔno na ɔmaa wodii mana+ a w’agyanom nhunuu bi da wɔ serɛ so de kyerɛɛ wo ahobrɛaseɛ+ na ɔde sɔɔ wo hwɛeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a daakye ɛbɛsi wo yie.+ 17 Sɛ woka no w’akomam sɛ, ‘Me tumi ne m’ahoɔden na ama manya me ho’ a,+ 18 kae sɛ Yehowa wo Nyankopɔn na wama wo ahoɔden a wode anya wo ho.+ Deɛ enti a ɔyɛɛ saa ne sɛ, ɔpɛ sɛ ɔdi apam a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom no so, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.+

19 “Sɛ moma mo werɛ fi Yehowa mo Nyankopɔn na mokɔdi anyame foforɔ akyi na mokoto wɔn a, ɛnneɛ ɛnnɛ medi mo adanseɛ sɛ mo ase bɛhye koraa.+ 20 Mobɛsɛe te sɛ aman a Yehowa resɛe wɔn wɔ mo anim no, ɛfiri sɛ moantie Yehowa mo Nyankopɔn.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane