Deuteronomium
20 “Sɛ wo ne w’atamfo rekɔko na wohunu sɛ wɔwɔ apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne ɛdɔm pii sene wo a, nsuro wɔn, ɛfiri sɛ Yehowa wo Nyankopɔn a ɔyii wo firii Egypt asaase so no ka wo ho.+ 2 Sɛ morebɛkɔ ɛko a, ɔsɔfoɔ no mmɛkasa nkyerɛ asraafoɔ no.+ 3 Ɔnka sɛ, ‘O Israel montie, ɛnnɛ morekɔ mo atamfo so ne wɔn akɔko. Mommma mo akoma nntu, monnsuro wɔn, na mommmɔ hu, na mommma mo ho mmpopo, 4 ɛfiri sɛ Yehowa mo Nyankopɔn ka mo ho, na ɔne mo atamfo bɛko ama mo na wagye mo.’+
5 “Mpanimfoɔ no nso mmɛka nkyerɛ asraafoɔ no sɛ, ‘Hwan na asi fie foforɔ a ɔmmuee ano? Ɔnsan nkɔ ne fie na wankɔwu wɔ akono amma obi foforɔ ammue ano. 6 Hwan na ayɛ bobefuo* a ɔnnya ntee so aba? Ɔnsan nkɔ ne fie na wankɔwu wɔ akono amma obi foforɔ amfa. 7 Hwan na ɔde n’ano ato ɔbaa bi so sɛ ɔbɛware no? Ɔnsan nkɔ ne fie+ na wankɔwu wɔ akono amma ɔbarima foforɔ anware no.’ 8 Mpanimfoɔ no nsan nka nkyerɛ asraafoɔ no sɛ, ‘Hwan na ɔsuro na n’akoma atu?+ Ɔnsan nkɔ ne fie na wantu ne nuanom akoma sɛdeɛ n’akoma atu no.’*+ 9 Sɛ mpanimfoɔ no ne asraafoɔ no kasa wie a, wɔnyi asahene nsisi asraafoɔ no so na wɔnni asraafoɔ no anim.
10 “Sɛ wo ne kuro bi rekɔko a, bɔ dawuro nso na ɛhɔfoɔ nhunu deɛ wɔyɛ a ɛde asomdwoeɛ bɛba.+ 11 Sɛ kuro no mufoɔ de asomdwoeɛ hyia wo na wɔbue wɔn apono ma wo a, ɛnneɛ fa emu nnipa nyinaa yɛ nkoa na wɔnsom wo.+ 12 Nanso sɛ kuro no amfa asomdwoeɛ anhyia wo na sɛ ɛpɛ sɛ ɛne wo ko a, ka kuro no hyem, 13 na Yehowa wo Nyankopɔn nso de kuro no bɛhyɛ wo nsa, na fa sekan kunkum emu mmarima nyinaa. 14 Nanso kuro no mu mmaa, mmɔfra, nyɛmmoa, ne biribiara a ɛwɔ hɔ deɛ, wobɛtumi afa ne nyinaa.+ Nneɛma a wobɛnya afiri w’atamfo hɔ wɔ ɛko mu no bɛyɛ wo dea; Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo.+
15 “Saa na fa yɛ nkuro a ɛne wo ntam twe paa no nyinaa, deɛ ɛnka aman a ɛbɛn wo yi nkuro ho no. 16 Nanso aman a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo sɛ agyapadeɛ yi deɛ, nnya biribiara a ɛhome wɔ nkuro no mu.+ 17 Mmom sɛdeɛ Yehowa wo Nyankopɔn aka akyerɛ wo no, Hitifoɔ, Amorifoɔ, Kaananfoɔ, Perisifoɔ, Hiwifoɔ, ne Yebusifoɔ no,+ sɛe wɔn pasaa. 18 Sɛe wɔn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a akyiwadeɛ biara a wɔyɛ ma wɔn anyame no, wɔrenkyerɛ mo na monkɔyɛ bi, na moanyɛ bɔne antia Yehowa mo Nyankopɔn.+
19 “Sɛ woka kuro bi hyem, na wopɛ sɛ wodi so nkonim, na sɛ wone kuro no ako nna pii a, mfa akuma nsɛe ɛhɔ nnua.+ Wobɛtumi adi ɛso aba no bi, nanso ntwitwa ngu. Adɛn, dua yɛ onipa na woaka no ahyem? 20 Nnua a wɔnni n’aba deɛ, wobɛtumi atwitwa. Wobɛtumi atwitwa bi de asisi akoban* atwa kuro a ɛne wo reko no ho ahyia akɔsi sɛ ɛbɛhwe ase.