Leviticus 20:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 “‘Ɔbarima a ɔne ɔbarima foforɔ yere bɛsɛe awareɛ, kyerɛ sɛ ɔne ne yɔnko yere bɛda no, ɛsɛ sɛ wɔku no. Wɔnku ɔbarima ne ɔbaa awaresɛefoɔ no nyinaa.+ Deuteronomium 5:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 “‘Nsɛe awareɛ.+ 1 Tesalonikafoɔ 4:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Na wei ne deɛ Onyankopɔn pɛ: Ɛne sɛ mo ho bɛte,+ na moatwe mo ho afiri adwamammɔ* ho.+ 1 Tesalonikafoɔ 4:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Obiara nnyɛ adeɛ nntra deɛ ɛfata, na ɔnnni ne nua aborɔ wɔ asɛm yi mu, ɛfiri sɛ sɛdeɛ yɛdii kan kaa ho asɛm kyerɛɛ mo na yɛbɔɔ mo kɔkɔ dendeenden no, Yehowa* bɛtwe obiara a ɔyɛ saa nneɛma yi aso. Hebrifoɔ 13:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Mo nyinaa, monni awareɛ ni, na monngu awareɛ mpa ho fĩ,+ ɛfiri sɛ Onyankopɔn bɛbu adwamammɔfoɔ* ne awaresɛefoɔ atɛn.+
10 “‘Ɔbarima a ɔne ɔbarima foforɔ yere bɛsɛe awareɛ, kyerɛ sɛ ɔne ne yɔnko yere bɛda no, ɛsɛ sɛ wɔku no. Wɔnku ɔbarima ne ɔbaa awaresɛefoɔ no nyinaa.+
6 Obiara nnyɛ adeɛ nntra deɛ ɛfata, na ɔnnni ne nua aborɔ wɔ asɛm yi mu, ɛfiri sɛ sɛdeɛ yɛdii kan kaa ho asɛm kyerɛɛ mo na yɛbɔɔ mo kɔkɔ dendeenden no, Yehowa* bɛtwe obiara a ɔyɛ saa nneɛma yi aso.
4 Mo nyinaa, monni awareɛ ni, na monngu awareɛ mpa ho fĩ,+ ɛfiri sɛ Onyankopɔn bɛbu adwamammɔfoɔ* ne awaresɛefoɔ atɛn.+