26 N’agyapadeɛ bɛyera wɔ esum kabii mu;
Egya a obiara mfite mu bɛhye no;
Obiara a waka wɔ ne ntomadan mu no, amanehunu bɛto no.
27 Ɔsoro bɛma ne mfomsoɔ ada adi;
Asaase bɛsɔre adi adanseɛ atia no.
28 Nsuo a ɛrebu fa so bɛhohoro ne fie akɔ;
Ɛbɛyɛ nsuyire kɛseɛ wɔ Onyankopɔn abufuo da no.
29 Wei na nipabɔnefoɔ bɛnya afiri Onyankopɔn hɔ,
Wei ne agyapadeɛ a Onyankopɔn de ato hɔ ama no.”