Mmebusɛm 15:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Ɔba nyansafoɔ ma ne papa ani gye,+ na ɔkwasea bu ne maame animtia.+ Mmebusɛm 17:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Ɔba kwasea papa bɛdi ne ho awerɛhoɔ;+ na ɔba a ɔnni adwene no, ahurisie bi nni hɔ mma ne papa.+ Mmebusɛm 17:25 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 25 Ɔba kwasea hyɛ ne papa ahometeɛ,+ na ɔma ne maame di awerɛhoɔ.+