25 Sɛ onipa yɛ onipa bɔne+ a, Onyankopɔn bɛsiesie ama no,+ na sɛ onipa yɛ Yehowa bɔne+ deɛ a, hwan na ɔbɛsiesie ama no?”+ Nanso wɔantie wɔn papa nne,+ ɛfiri sɛ afei deɛ na Yehowa pɛ sɛ ɔkunkum wɔn.+
14 Ntɛm ara na Dawid ka kyerɛɛ ne nkoa a wɔka ne ho wɔ Yerusalem no nyinaa sɛ: “Monsɔre mma yɛnnwane,+ anyɛ saa a, yɛrennya baabi mfa mfiri Absalom anim! Monka mo ho, na wanyɛ ntɛm ammɛto yɛn anyɛ yɛn bɔne bi, na wamfa nkrantɛ ammɔ kuro yi!”+