Numeri 15:31 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 31 Ɛsiane sɛ wabu Yehowa asɛm animtia+ na wabu n’ahyɛdeɛ soɔ+ nti, wɔntwa ɔkra a ɔte saa no ntwene.+ Ɔno ara bɛsoa ne bɔne.’”+ Numeri 18:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 Enti mma Israelfoɔ mmmɛn ahyiaeɛ ntomadan no ho bio na bɔne biara anka wɔn amma wɔanwuwu.+ Deuteronomium 28:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 “Na sɛ woanyɛ aso antie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm anni n’ahyɛdeɛ ne ne mmara a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so a, ɛnneɛ nnome yi nyinaa bɛba wo so na abunkam wo so:+ 1 Samuel 2:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Na asomfoɔ no bɔne dɔɔso pii Yehowa anim,+ ɛfiri sɛ mmarima no buu Yehowa afɔrebɔdeɛ animtia.+ 1 Samuel 3:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Ɛno nti na maka ntam agu Eli fie so sɛ, afɔrebɔ anaa ayɛyɛdeɛ biara rentumi mpepa Eli fie bɔne ho asotwe a ɛrebɛba no da.”+ 2 Ahemfo 22:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 ɛfiri sɛ wɔagya me akɔhye afɔrebɔdeɛ ama anyame foforɔ,+ sɛ wɔde wɔn nsa ano adwuma+ nyinaa bɛhyɛ me abufuo; m’abufuo aba kuro yi so a ɛrennum.’”’+
31 Ɛsiane sɛ wabu Yehowa asɛm animtia+ na wabu n’ahyɛdeɛ soɔ+ nti, wɔntwa ɔkra a ɔte saa no ntwene.+ Ɔno ara bɛsoa ne bɔne.’”+
15 “Na sɛ woanyɛ aso antie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm anni n’ahyɛdeɛ ne ne mmara a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so a, ɛnneɛ nnome yi nyinaa bɛba wo so na abunkam wo so:+
14 Ɛno nti na maka ntam agu Eli fie so sɛ, afɔrebɔ anaa ayɛyɛdeɛ biara rentumi mpepa Eli fie bɔne ho asotwe a ɛrebɛba no da.”+
17 ɛfiri sɛ wɔagya me akɔhye afɔrebɔdeɛ ama anyame foforɔ,+ sɛ wɔde wɔn nsa ano adwuma+ nyinaa bɛhyɛ me abufuo; m’abufuo aba kuro yi so a ɛrennum.’”’+