Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Leviticus 26:16
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 16 ɛnneɛ me nso mɛyɛ deɛ ɛdi soɔ yi de atwe mo aso: Mede nsamanwa+ ne atiridii bɛbɔ mo na mo ani asɛe+ na mo kra ago.+ Mobɛdua aba nanso ɛbɛyɛ adwumahunu, ɛfiri sɛ mo atamfo na wɔbɛdie.+

  • Daniel 9:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 Israelfoɔ nyinaa abu wo mmara so; wɔamane, na wɔantie wo nne.+ Ɛno nti na nnome ne ntanka+ a wɔatwerɛ no nokorɛ Nyankopɔn akoa Mose mmara no mu no, woahwie agu yɛn soɔ no, ɛfiri sɛ yɛayɛ wo bɔne.

  • Malaki 2:2
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 2 Sɛ moantie+ na moamma no anna mo akoma+ so sɛ mobɛhyɛ me din animuonyam a,+ mɛma nnome aba mo so,+ na mo nhyira bɛdane nnome.+ Mama mo nhyira adane nnome mpo dada, ɛfiri sɛ moamma no anna mo akoma so,” asafo Yehowa na aka.

  • Galatifoɔ 3:13
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 13 Kristo tɔɔ yɛn+ de yii+ yɛn firii Mmara nnome ase na ɔsii yɛn anan bɛyɛɛ deɛ wɔadome no,+ ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: “Wɔadome obiara a wɔsɛn no dua soɔ.”+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane