Mmebusɛm 13:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Ɔba a ɔtie ne papa ntenesoɔ no yɛ onyansafoɔ,+ na fɛdifoɔ ne deɛ ɔntie animka.+ Mmebusɛm 23:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Anigyeɛ na ɔteneneeni papa bɛnya;+ na onyansafoɔ papa nso bɛdi ne ho ahurisie.+ Mmebusɛm 27:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Me ba, yɛ onyansafoɔ, na ma m’akoma ntɔ me yam,+ na manya asɛm abua deɛ ɔtwa me mpoa.+ Mmebusɛm 29:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Onipa a ɔdɔ nyansa ma ne papa di ahurisie,+ na deɛ ɔne nnwamanfoɔ bɔ no sɛe adeɛ.+