Exodus 23:25 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 25 Monsom Yehowa mo Nyankopɔn+ na ɔbɛhyira mo aduane ne mo nsuo so,+ na mɛyi yare bɔne biara afiri mo ntam.+ Deuteronomium 28:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Woyɛ aso ma Yehowa wo Nyankopɔn asɛm a, nhyira yi nyinaa bɛba wo so na abunkam wo so:+ Mmebusɛm 11:26 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 26 Deɛ ɔde aburoo kame nkurɔfoɔ no—ɔmanfoɔ bɛdome no, na deɛ ɔma wɔtɔ no, nhyira bɛbu so n’atifi.+ Mmebusɛm 28:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Onipa nokwafoɔ bɛnya nhyira pii,+ na deɛ ɔrepɛ ntɛm anya ne ho no remfa ne ho nni.+ Malaki 3:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Momfa ntotosoɔ du du+ no nyinaa mmra adekoradan mu na aduane ampa me fie.+ Na momfa yei nsɔ me nhwɛ+ sɛ meremmue ɔsoro mpomma+ mma mo na merenhwie nhyira ngu mo so mma no mmu mo so anaa.”+ Asafo Yehowa anom asɛm nie.
25 Monsom Yehowa mo Nyankopɔn+ na ɔbɛhyira mo aduane ne mo nsuo so,+ na mɛyi yare bɔne biara afiri mo ntam.+
10 Momfa ntotosoɔ du du+ no nyinaa mmra adekoradan mu na aduane ampa me fie.+ Na momfa yei nsɔ me nhwɛ+ sɛ meremmue ɔsoro mpomma+ mma mo na merenhwie nhyira ngu mo so mma no mmu mo so anaa.”+ Asafo Yehowa anom asɛm nie.