13 Na ɔbɛdɔ wo ahyira wo+ na woadɔɔso.+ Ɔbɛhyira wo yafunu mu aba+ ne w’asase so aba,+ w’ayuo ne wo nsã foforɔ ne wo ngo, w’anantwie mma ne wo nnwan mma+ wɔ asase a ɔkaa w’agyanom ntam sɛ ɔde bɛma woɔ no so.+
10 Momfa ntotosoɔ du du+ no nyinaa mmra adekoradan mu na aduane ampa me fie.+ Na momfa yei nsɔ me nhwɛ+ sɛ meremmue ɔsoro mpomma+ mma mo na merenhwie nhyira ngu mo so mma no mmu mo so anaa.”+ Asafo Yehowa anom asɛm nie.