22 Ɛnna ɔbuaa sɛ: “Asomdwoeɛ mu. Me wura+ na asoma me+ sɛ memmɛka nkyerɛ wo sɛ, ‘Hwɛ! Mmeranteɛ mmienu bi a wɔfiri adiyifoɔ no asefoɔ mu firi Efraim mmepɔ so aba me nkyɛn seesei ara.+ Enti mesrɛ wo, ma me dwetɛ dwetikɛseɛ baako ne ntadeɛ+ mmienu.’”
11 Deɛ ɔnya ne ho nanso ɔnnya no tenenee soɔ no,+ ɔte sɛ akokɔhwedeɛ a ɔboaboa nkosua a ɛnyɛ ɔno na ɔtoeɛ ano; ɔbɛbu ne nna mu fã na wagya biribiara,+ na awieeɛ no, ɔbɛyɛ kwasea.”+