6 Na pataku ne adwammaa bɛtena*+ na sebɔ ne abirekyie ba ada faako, na nantwie ba ne gyata+ ne aboa a wadɔre bɛbom atena faako+ na abarimaa ketewa aka wɔn.
25 “Pataku+ ne odwan bɛbom adidi+ na gyata awe wura sɛ nantwie;+ na ɔwɔ deɛ, dɔteɛ na ɛbɛyɛ n’aduane.+ Wɔrenyɛ bɔne+ na wɔrensɛe adeɛ, me bepɔ kronkron no nyinaa so,”+ Yehowa na aka.
18 Na me ne wuram mmoa, ne ewiem nnomaa, ne mmoa a wɔwea fam bɛyɛ apam saa da no ama wɔn,+ na mɛbubu agyan ne nkrantɛ mu na mayi akodie afiri asase no so,+ na mɛma wɔatena hɔ dwoodwoo.+