Dwom 72:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Ne berɛ so, ɔteneneeni bɛyɛ frɔmfrɔm,+Na bosome da so wɔ hɔ yi, asomdwoeɛ bɛbu so.+ Yesaia 60:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 “Wɔrente basabasayɛ wɔ w’asase so bio, na wɔrente amamfoyɛ ne ɔsɛeɛ wɔ w’ahyeɛ so.+ Wobɛfrɛ w’afasuo sɛ Nkwagyeɛ+ na woafrɛ wo nkuro apono sɛ Ayeyie. Mika 4:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Na ɔbɛbu atɛn aman pii mu,+ na ɔbɛsiesie+ nsɛm ama aman akɛseɛ a ɛwɔ akyirikyiri.+ Na wɔde wɔn nkrantɛ bɛyɛ nsɔ na wɔde wɔn mpea ayɛ kantankrankyi.+ Ɔman bi rentwe nkrantɛ ɔman foforɔ so, na wɔrensua akodie bio.+ Mateo 5:44 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 44 Nanso, mese mo sɛ: Monkɔ so nnɔ mo atamfo+ na mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔtaa mo,+ Mateo 26:52 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 52 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “San fa wo nkrantɛ no hyɛ deɛ ɛhyɛ,+ na wɔn a wɔtwe nkrantɛ nyinaa bɛwu nkrantɛ ano.+
18 “Wɔrente basabasayɛ wɔ w’asase so bio, na wɔrente amamfoyɛ ne ɔsɛeɛ wɔ w’ahyeɛ so.+ Wobɛfrɛ w’afasuo sɛ Nkwagyeɛ+ na woafrɛ wo nkuro apono sɛ Ayeyie.
3 Na ɔbɛbu atɛn aman pii mu,+ na ɔbɛsiesie+ nsɛm ama aman akɛseɛ a ɛwɔ akyirikyiri.+ Na wɔde wɔn nkrantɛ bɛyɛ nsɔ na wɔde wɔn mpea ayɛ kantankrankyi.+ Ɔman bi rentwe nkrantɛ ɔman foforɔ so, na wɔrensua akodie bio.+
52 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “San fa wo nkrantɛ no hyɛ deɛ ɛhyɛ,+ na wɔn a wɔtwe nkrantɛ nyinaa bɛwu nkrantɛ ano.+