7 me nso mede wɔn bɛba me bepɔ kronkron so+ na mama wɔadi ahurisie wɔ me mpaebɔ fie.+ Wɔbɛgye wɔn hyeɛ afɔrebɔdeɛ+ ne wɔn ayɛyɛdeɛ+ nyinaa wɔ m’afɔrebukyia so.+ Na wɔbɛfrɛ me fie mpaebɔ fie ama aman nyinaa.”+
13 Sɛ wosu hwehwɛ mmoa a, deɛ woaboa ano no rennye wo,+ na mframa bɛhu ne nyinaa akɔ.+ Hwenem mframa kɛkɛ de ne nyinaa bɛkɔ, nanso obiara a ɔdwane toa me+ no bɛnya asase no adi na watena me bepɔ kronkron so.+
25 “Pataku+ ne odwan bɛbom adidi+ na gyata awe wura sɛ nantwie;+ na ɔwɔ deɛ, dɔteɛ na ɛbɛyɛ n’aduane.+ Wɔrenyɛ bɔne+ na wɔrensɛe adeɛ, me bepɔ kronkron no nyinaa so,”+ Yehowa na aka.
40 “Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie, ‘Me bepɔ kronkron so, Israel bepɔ a ɛkorɔn no so,+ na Israel fie nyinaa bɛsom me wɔ asase no soɔ.+ Ɛhɔ na mɛgye wɔn atom, na mɛbisa mo ntoboa ne mo ayɛyɛdeɛ mu deɛ ɛdi kan, mo akronkronneɛ nyinaa.+