Yeremia 48:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 “Moabfoɔ atena hɔ dwoodwoo firi wɔn mmɔfraberɛ mu,+ na wɔda wɔn puo so a biribiara nha wɔn.+ Wɔnhwie mfirii adeɛ baako mu nguu foforɔ mu, na wɔnkɔɔ nkoasom mu da. Ɛno nti na ne dɛ da so wɔ mu, na ne hwa nsesaeɛ no. Luka 5:39 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 39 Obiara a wanom nsã dada no mpɛ nsã mono; na ɔka sɛ, ‘dada+ no yɛ paa.’”
11 “Moabfoɔ atena hɔ dwoodwoo firi wɔn mmɔfraberɛ mu,+ na wɔda wɔn puo so a biribiara nha wɔn.+ Wɔnhwie mfirii adeɛ baako mu nguu foforɔ mu, na wɔnkɔɔ nkoasom mu da. Ɛno nti na ne dɛ da so wɔ mu, na ne hwa nsesaeɛ no.