25 Yɛn aniwuo+ mu na yɛda na yɛn animguaseɛ kata yɛn ho daa;+ Yehowa yɛn Nyankopɔn na yɛayɛ no bɔne,+ yɛne yɛn agyanom, ɛfiri yɛn mmɔfraase bɛsi nnɛ,+ na yɛantie Yehowa yɛn Nyankopɔn nne.”+
9 Na wo nkurɔfoɔ a wɔanya wɔn tiri adidi mu no bɛkae me wɔ aman a wɔafa wɔn nkoa no mu,+ sɛdeɛ wɔde wɔn adwamammɔ akoma a atwe afiri me ho+ ne wɔn adwamammɔ aniwa a ɛdi abosom fĩ+ akyi no abubu m’akoma no, na abofonodeɛ ne nneɛma bɔne a wɔayɛ nyinaa bɛma wɔafɛre.+