Atemmufoɔ 2:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Na mo nso, mo ne asase yi sofoɔ nnyɛ apam biara.+ Mommubu wɔn afɔrebukyia.’+ Nanso moantie m’asɛm.+ Adɛn nti na moyɛɛ saa?+ Yesaia 48:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 “Ampa, wonteeɛ,+ na wonnim, na ɛfiri tete w’aso mmueeɛ. Menim sɛ nkontomposɛm+ ara na wodie, na wɔfrɛ wo ‘mmaratofoɔ firi yafunu mu.’+ Yeremia 22:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Mekasa kyerɛɛ wo w’asomdwoeɛ berɛ mu.+ Nanso wokaa sɛ, ‘Merentie.’+ Saa ara na woayɛ firi wo mmɔfraase, na woantie me.+ Daniel 9:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Yehowa yɛn Nyankopɔn, yɛantie wo nne annante wo mmara a wonam wo nkoa adiyifoɔ no nsa so de maa yɛn no mu.+ 1 Korintofoɔ 10:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Saa ara nso na mommma yɛmmfa yɛn ho nnhyɛ adwamammɔ mu sɛdeɛ wɔn mu binom bɔɔ adwaman+ na wɔn mu mpem aduonu mmiɛnsa totɔɔ da koro+ no.
2 Na mo nso, mo ne asase yi sofoɔ nnyɛ apam biara.+ Mommubu wɔn afɔrebukyia.’+ Nanso moantie m’asɛm.+ Adɛn nti na moyɛɛ saa?+
8 “Ampa, wonteeɛ,+ na wonnim, na ɛfiri tete w’aso mmueeɛ. Menim sɛ nkontomposɛm+ ara na wodie, na wɔfrɛ wo ‘mmaratofoɔ firi yafunu mu.’+
21 Mekasa kyerɛɛ wo w’asomdwoeɛ berɛ mu.+ Nanso wokaa sɛ, ‘Merentie.’+ Saa ara na woayɛ firi wo mmɔfraase, na woantie me.+
10 Yehowa yɛn Nyankopɔn, yɛantie wo nne annante wo mmara a wonam wo nkoa adiyifoɔ no nsa so de maa yɛn no mu.+
8 Saa ara nso na mommma yɛmmfa yɛn ho nnhyɛ adwamammɔ mu sɛdeɛ wɔn mu binom bɔɔ adwaman+ na wɔn mu mpem aduonu mmiɛnsa totɔɔ da koro+ no.