Deuteronomium 9:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 “Kae: Mma wo werɛ mmfiri sɛdeɛ wohyɛɛ Yehowa wo Nyankopɔn abufuo ɛserɛ no soɔ no.+ Ɛfiri da a mofirii Egypt bɛsi nnɛ a mowɔ ha yi, daa mote atua tia Yehowa.+ Dwom 58:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Nnebɔneyɛfoɔ yɛ akɔntɔnkyefoɔ firi awotwaa mu;+Wɔyera kwan firi yafunu mu tɔnn;Wɔdi atorɔ.+ Dwom 95:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Awoɔ ntoatoasoɔ yi ho yɛɛ me aniwu mfeɛ aduanan,+Na mekaa sɛ:“Wɔyɛ ɔman a wɔayera wɔn akomam,+Na wɔnhunuu m’akwan”;+
7 “Kae: Mma wo werɛ mmfiri sɛdeɛ wohyɛɛ Yehowa wo Nyankopɔn abufuo ɛserɛ no soɔ no.+ Ɛfiri da a mofirii Egypt bɛsi nnɛ a mowɔ ha yi, daa mote atua tia Yehowa.+
10 Awoɔ ntoatoasoɔ yi ho yɛɛ me aniwu mfeɛ aduanan,+Na mekaa sɛ:“Wɔyɛ ɔman a wɔayera wɔn akomam,+Na wɔnhunuu m’akwan”;+