Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 2 Ahemfo 21:16
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 16 Bio nso, Manase hwiee mogya a ɛdi bem bebree pa guiɛ+ kɔsii sɛ ɔde hyɛɛ Yerusalem nyinaa mã, ɛfiri ano kɔsi ano, ɛsono bɔne a ɔyɛeɛ a ɛnam so maa Yuda nso yɛɛ bɔne Yehowa ani soɔ no.+

  • 2 Ahemfo 24:4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 4 ne afei mogya a ɛdi bem+ a ɔhwie guiɛ na ɔde mogya a ɛdi bem hyɛɛ Yerusalem mã no nti. Na Yehowa ampɛ sɛ ɔde bɛfirie.+

  • Yeremia 2:34
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 34 Afei nso, wo ntadeɛ mu na wɔhunu ahiafoɔ a wɔdi bem+ akra mogya.+ Manhunu sɛ wɔbubu kɔɔ mu, nanso akekã yeinom nyinaa mu.+

  • Yeremia 22:17
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 17 ‘Wo deɛ, w’ani ne w’akoma nni biribiara so sɛ mfaso bɔne,+ ne nnipa a wɔn ho nni asɛm mogya a wobɛhwie aguo,+ ne nsisie ne apoobɔ.’

  • Hesekiel 9:9
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 9 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Israel fie ne Yuda+ bɔne sõ papaapa;+ mogyahwieguo+ ahyɛ asase no so mã, na akɔntɔnkyesɛm+ ahyɛ kuro no mã, na wɔka sɛ, ‘Yehowa agya asase no,+ na Yehowa nhunu.’+

  • Hesekiel 11:6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 6 Moama mo nkurɔfoɔ pii awuwu wɔ kuro yi mu, na moama afunu ahyɛ ne mmɔnten so mã.”’”+

  • Hosea 4:2
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 2 Nnome+ ne nnaadaa+ ne awudie+ ne korɔno+ ne awaresɛeɛ+ adɔɔso, na wɔde mogyahwieguo atoatoa mogyahwieguo so.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane