Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 2 Ahemfo 21:16
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 16 Bio nso, Manase hwiee mogya a ɛdi bem bebree pa guiɛ+ kɔsii sɛ ɔde hyɛɛ Yerusalem nyinaa mã, ɛfiri ano kɔsi ano, ɛsono bɔne a ɔyɛeɛ a ɛnam so maa Yuda nso yɛɛ bɔne Yehowa ani soɔ no.+

  • 2 Ahemfo 24:4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 4 ne afei mogya a ɛdi bem+ a ɔhwie guiɛ na ɔde mogya a ɛdi bem hyɛɛ Yerusalem mã no nti. Na Yehowa ampɛ sɛ ɔde bɛfirie.+

  • Dwom 106:38
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 38 Enti wɔhwiee mogya a ɛdi bem guiɛ;+

      Wɔde wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa mogya

      Bɔɔ afɔdeɛ maa Kanaanfoɔ ahoni,+

      Na mogyahwieguo maa asase no ho guu fĩ.+

  • Yesaia 10:2
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 2 Wɔyɛ saa de pia ahiafoɔ firi atemmuo ho, na wɔhwim atɛntenenee firi me man mu abrɛfoɔ nsam;+ akunafoɔ adane wɔn asadeɛ na wɔfom nnyanka!+

  • Yesaia 59:7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 7 Wɔn nan tu mmirika kɔyɛ bɔne,+ na wɔyɛ ntɛm hwie mogya a asɛm nni ho gu.+ Wɔn nsusuiɛ nyinaa yɛ bɔne,+ na amamfoyɛ ne ɔsɛeɛ wɔ wɔn atempɔn so.+

  • Yeremia 19:4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 4 ɛfiri sɛ wɔagya me,+ na wɔasẽsa ha yi koraa;+ wɔakɔhye afɔrebɔdeɛ ama anyame foforɔ a wɔnnim wɔn,+ wɔne wɔn agyanom ne Yuda ahemfo, na wɔde wɔn a wɔdi bem mogya ahyɛ ha ma.+

  • Mateo 23:35
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 35 saa na ɛbɛma ateneneefoɔ mogya a wɔahwie agu asase so nyinaa aba mo soɔ,+ ɛfiri ɔteneneeni+ Habel+ mogya so kɔsi Barakia ba Sakaria mogya so, deɛ mokuu no kronkronbea ne afɔrebukyia ntam no.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane