Yesaia 3:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Ɔbɔnefoɔ nnue! Mmusuo di n’akyi; na deɛ ɔyɛeɛ no ara bi na wɔde bɛyɛ no!+ Mateo 7:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 atɛn a mobuo no, ɛno ara na wɔbɛbu mo;+ susukoraa a mode susu ma nkurɔfoɔ no, wɔde bɛsusu ama mo.+ Yakobo 2:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Na deɛ ɔnhu mmɔbɔ no, ɔno nso wɔrenhu no mmɔbɔ+ wɔ atemmuo mu. Mmɔborɔhunu di atemmuo so nkonim.